Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 9:39 - New Revised Asante Twi Bible

39 Na Petro sɔre ne wɔn kɔeɛ. Na ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafoɔ no nyinaa bɛgyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntadeɛ ne ntoma a na Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛeɛ no kyerɛe.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

39 Na Petro sɔre ne wɔn kɔeɛ. Na ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafoɔ no nyinaa bɛgyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntadeɛ ne ntoma a na Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛeɛ no kyerɛe.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔe. Oduu hɔ no wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa begyinagyinaa Petro ho sui, de ntade ne ntama a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔeɛ. Ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nyinaa bɛgyinagyinaa Petro ho suiɛ de ntadeɛ ne ntoma a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

39 Na Petro sɔre ne wɔn kɔe. Na oduu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafo no nyinaa begyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntade ne ntama a Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛe no kyerɛe.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 9:39
26 Referencias Cruzadas  

na daa yɛkae mo gyidie adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidasoɔ mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim.


Owifoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ɔdi hia.


Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira, na abɔnefoɔ din bɛporɔ.


Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkyerɛma nnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛɛ ne nokorɛ mu.


Na, anuanom, wɔn a wɔadeda no ho deɛ, yɛmpɛ sɛ yɛsi mo soɔ, na mo werɛ anho sɛ wɔn a aka a wɔnni anidasoɔ no.


Na sɛ akoma a ɛpɛ no wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛdeɛ onii wɔ adeɛ, na ɛnyɛ sɛdeɛ ɔnnie.


Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.


Na ɔtenee ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefoɔ ne akunafoɔ no de no anikan kyerɛɛ wɔn.


Nso nnipa nyamesurofoɔ bi siee Stefano, na wɔsuu no pii.


Na nna no mu a asuafoɔ no redɔɔso no, huhuhuhu baa Helenifoɔ no mu tiaa Hebrifoɔ no sɛ wɔbu wɔn ani gu wɔn akunafoɔ so daa ɔhwɛ a wɔhwɛ wɔn no mu.


Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn mesiee wo din mu, wɔn a wode wɔn ama me no; mawɛn wɔn, na wɔn mu bi nyerae, gye ɔyera ba no, — na twerɛsɛm no aba mu.


Na ahiafoɔ deɛ, mowɔ wɔn mo nkyɛn daa; na me deɛ, monni me daa.


Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ Mose mmara ne Adiyifoɔ ne Nnwom mu, wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Wayɛ deɛ ɔbɛtumi; wadi kan asra me nipadua ama me sie da.


Ahiafoɔ wɔ mo nkyɛn daa, na me deɛ, morennya me daa.


Na Yesu kaa sɛ: O nnɛ mma a monni gyidie na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkɔduru da bɛn? Mento me bo ase mma mo nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha!


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Israel mmammaa, Saulo na monsu no, ɔno na ɔfiraa mo ntoma kɔkɔɔ maa no yɛɛ fɛ, na ɔde sika ahyehyɛdeɛ guguu mo ntadeɛ soɔ.


Na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda teɛ.


Di mmaa akunafoɔ a wɔyɛ akunafoɔ ampa no ni.


Na deɛ ɔyɛ okunafoɔ ampa, na aka ne nko no, ɔde n’ani to Nyankopɔn so, na ɔkura nkotosrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios