Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 9:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Aenea, Yesu Kristo sa wo yadeɛ. Sɔre, na wo ara sɛ wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

34 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Aenea, Yesu Kristo sa wo yadeɛ. Sɔre, na wo ara sɛ wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Petro ka kyerɛɛ no se, “Enea, Awurade Yesu Kristo nsa wo yare. Sɔre na yi wo kɛtɛ!” Amono mu hɔ ara na Enea sɔree.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Enea, Awurade Yesu Kristo nsa wo yadeɛ. Sɔre na yi wo kɛtɛ!” Amonom hɔ ara, Enea sɔree.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

34 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Enea, Yesu Kristo asa wo yare. Sɔre, na wo ankasa sɛw wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 9:34
11 Referencias Cruzadas  

Na ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na ne kwata no kɔeɛ.


Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase soɔ, sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie!


Yesu nsɛnkyerɛnneɛ no mu deɛ ɛdi kan yi, ɔyɛɛ no Kana a ɛwɔ Galilea; na ɔyii n’animuonyam kyerɛe; na n’asuafoɔ no gyee no diiɛ.


Na ɔyɛɛ yei nna bebree. Na ɛyɛɛ Paulo ahomete, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ: Firi adi firi ne mu! Na dɔn no ara mu ɔfirii adi.


Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi?


Na ɛnam ne din mu gyidie so, na ne din ama oyi a mohu no, na monim no yi ho ayɛ no den. Aane, gyidie a ɛnam Yesu soɔ no na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.


Na Petro kaa sɛ: Dwetɛ ne sika deɛ, menni bi, na deɛ mewɔ na mede merema woɔ yi: Nasareni Yesu Kristo din mu, nante!


mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhunu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu, a Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asane yi.


Na ɔbɛhunuu onipa bi a ne din de Aenea a wadi mfirinhyia nwɔtwe ne kɛtɛ so, a ɔyare mmubuo wɔ hɔ.


Na wɔn a wɔte Lida ne Saron nyinaa hunuu no, na wɔdane baa Awurade nkyɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios