Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 9:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na Saulo kɔɔ so ara nyaa ahoɔden, na ɔmaa Yudafoɔ a wɔte Damasko no ho yeraa wɔn, na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na Saulo kɔɔ so ara nyaa ahoɔden, na ɔmaa Yudafoɔ a wɔte Damasko no ho yeraa wɔn, na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Saulo asɛnka no mu yɛɛ den; nnipa no gyee nsɛm a ɔka faa Yesu ho sɛ ɔno ne Agyenkwa no dii. Yudafo a wɔte Damasko no antumi anka nsɛm a ɔkae no ho hwee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Saulo asɛnka no mu yɛɛ den; nnipa no gyee nsɛm a ɔka faa Yesu ho sɛ ɔno ne Agyenkwa no diiɛ. Yudafoɔ a wɔte Damasko no antumi anka nsɛm a ɔkaeɛ no ho hwee.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na Saulo kɔɔ so ara nyaa ahoɔden, na ɔmaa Yudafo a wɔte Damasko no ho yeraw wɔn, na odii adanse kyerɛe sɛ oyi ne Kristo no.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 9:22
21 Referencias Cruzadas  

Nanso na ne tadua kura no pintinn, na ne basa mu yɛɛ den. Ɛfiri Yakob Tumfoɔ no nsam, ɛfiri ɔhwɛfoɔ a ɔyɛ Israel botan no mu.


Nanso ɔteneneeni bɛkura ne kwan mu, na deɛ ne nsa ho teɛ no bɛkɔ so anya ahoɔden.


Mɛkyerɛ mmaratofoɔ w’akwan, na nnebɔneyɛfoɔ adane aba wo nkyɛn.


Wɔnante firi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu bɛpue Nyankopɔn anim, Sion.


Ɔno na ɔma deɛ wabrɛ tumi, na ɔma deɛ ɔnni home ahoɔden dɔɔso.


Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfoɔ nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.


Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanseɛ sɛ ɛtwa sɛ Kristo no hunu amane, na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Na ɔse: Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no.


Na Silas ne Timoteo firi Makedonia baeɛ no, Paulo de nnam kaa asɛm no na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ sɛ Yesu ne Kristo no.


Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn faako a ɔteɛ hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn aseɛ dii Nyankopɔn ahennie ho adanseɛ, na ɔde Mose mmara ne adiyifoɔ no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no firi anɔpa kɔsii anwummerɛ.


Na ntɛm ara ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ ɔne Nyankopɔn ba no.


Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔse: Ɛnyɛ oyi ne deɛ na ɔsɛe wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem, na yei nti ɔbaa ha sɛ ɔrebɛfa wɔn homa mu akɔma asɔfoɔ mpanimfoɔ no anaa?


Na nna bebree akyiri no, Yudafoɔ no pamm ne tiri so sɛ wɔbɛkum no.


Na Barnaba faa no ne no kɔɔ asomafoɔ no nkyɛn, na ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɔhunuu Awurade ɔkwan mu ne sɛ ɔkasa kyerɛɛ no, ne sɛdeɛ ɔde akokoɔduro kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko.


na mmom wiase nkwaseadeɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafoɔ aniwuo. Na wiase adeɛ a ɛyɛ mmerɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ deɛ ɛyɛ den no aniwuo.


Ɛnna mfeɛ mmiɛnsa akyiri no, mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔhwɛ Kefa anim, na medii ne nkyɛn dadu nnanum,


metumi ade nyinaa yɛ, deɛ ɔhyɛ me den no mu.


Na meda Kristo Yesu, yɛn Awurade a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafoɔ de me ahyɛ ɔsom no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios