Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 9:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na me na mɛkyerɛ no amaneɛ pii a me din nti ɛsɛ sɛ ɔhunu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Na me na mɛkyerɛ no amaneɛ pii a me din nti ɛsɛ sɛ ɔhunu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Na mɛkyerɛ no amane a esiane me din nti obehu.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Na mɛkyerɛ no amaneɛ a ɛsiane me din enti ɔbɛhunu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na me na mɛkyerɛ no amane pii a me din nti ɛsɛ sɛ ohu.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 9:16
22 Referencias Cruzadas  

Due, ɔsɛefoɔ a wo deɛ, wɔnsɛee woɔ, ɔfatwafoɔ a wɔmfaa wo ntwaeɛ! Sɛ wogyae ɔsɛeɛ no a, wɔbɛsɛe wo, na sɛ wonya wie ɔfatwa a, wɔde wo bɛtwa.


Ɛnna wɔbɛyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo, na me din nti, aman nyinaa bɛtane mo.


Nhyira ne mo sɛ wɔya mo, na wɔtaa mo, na me din nti wɔdi atorɔ ka asɛmmɔne nyinaa bi to mo soɔ.


Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsene ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wɔbɛdi mo deɛ so bi.


hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu.


na ɔbaa yɛn nkyɛn no, ɔfaa Paulo abɔsoɔ de kyekyeree ne nan ne ne nsa kaa sɛ: Sɛdeɛ Honhom Kronkron seɛ ni: Ɔbarima a abɔsoɔ yi yɛ ne dea no, Yudafoɔ a wɔwɔ Yerusalem bɛkyekyere no saa ara, na wɔayi no ahyɛ amanaman nsa.


Na Paulo buaa sɛ: Adɛn na moresu bubu m’akoma yi? Me deɛ, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti, ɛnyɛ ɛkyerɛ nko na wɔbɛkye me, na mpo mɛwu wɔ Yerusalem hɔ.


Na yɛkɔhunuu asuafoɔ no no, yɛtenaa hɔ nnanson, na wɔnam Honhom no so ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem.


na ɛha yi nso wanya tumi afiri asɔfoɔ mpanimfoɔ no nsam sɛ ɔnkyere wɔn a wɔbɔ wo din nyinaa.


Sɔre kɔ kuro no mu, na wɔbɛka wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.


na mmom nnoɔma nyinaa mu, yɛyi yɛn ho kyerɛ sɛ Nyankopɔn asomfoɔ: Boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyere mu, ahometeɛ mu;


na amanehunu yi anha obiara, ɛfiri sɛ mo ara monim sɛ deɛ ɛtwa sɛ yɛhunu ara ne no.


Ɛno ara nti na mehunu amaneɛ yi nso, nanso m’ani nwu ho; ɛfiri sɛ menim onii ko a magye no madie, na megye medi pa ara sɛ ɔbɛtumi ahwɛ deɛ wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no.


me taa a wɔanya me ntaaeɛ, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonium ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi na megyinaa mu, na Awurade gyee me firii ne nyinaa mu.


Sɛ wɔya mo Kristo din nti a, nhyira ne mo, ɛfiri sɛ animuonyam ne Nyankopɔn honhom wɔ mo so.


Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahennie ne boasetɔ no mu yɔnkoɔ no, ɛsiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti, mewɔ supɔ a wɔfrɛ no Patmo no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios