Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 9:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ ara, na oyi ne adwumadeɛ a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ ara, na oyi ne adwumadeɛ a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Awurade ka kyerɛɛ Anania se, “Kɔ! Efisɛ ɔno na mayi no a menam ne so bɛma amanamanmufo ne ahemfo ne Israelfo nyinaa ate me din.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ, “Kɔ! Ɛfiri sɛ, ɔno na mayi no a menam ne so bɛma amanamanmufoɔ ne ahemfo ne Israelfoɔ nyinaa ate me din.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ: Kɔ ara, na oyi ne nea a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahene ne Israel mma anim.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 9:15
38 Referencias Cruzadas  

Mennya mennwonoo wo ɔyafunu mu no, na menim wo, na wonnya mfirii adi mfirii awotwaa mu no, na metee wo ho; mesii wo odiyifoɔ memaa amanaman.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nka sɛ: Meyɛ abɔfra; na mmom baabiara a mɛsoma woɔ no, kɔ, na asɛm biara a mɛka akyerɛ woɔ no, ka.


Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofoɔ ne ahemfo anim na adi adanseɛ akyerɛ wɔn ne amanaman.


Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.


Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kaa sɛ: Monyi Barnaba ne Saulo mma me na wɔnkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.


Na ɔkyeaa wɔn no, ɔkaa deɛ Onyankopɔn nam ne som so ayɛ amanaman no mu no mmaako mmaako kyerɛɛ wɔn.


Na ɔkaa sɛ: Yɛn agyanom Nyankopɔn ayi wo ato hɔ sɛ hunu ne pɛ a ɔpɛ, na hunu Ɔteneneeni no, na te nankasa ne nne.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ, na mɛsoma wo mafiri ha akɔ akyirikyiri, amanaman mu.


Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Anka me nso mepɛ sɛ metie onipa no. Na ɔse: Ɔkyena wobɛtie no.


Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo tenee ne nsa yii ano sɛ:


Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Sɛ onipa yi amfa n’asɛm ankɔdane Kaesare a, anka wɔbɛtumi agyaa no.


kaa sɛ: Paulo, nsuro! Ɛtwa sɛ wokɔgyina Kaesare anim; na hwɛ, Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo nam no nyinaa akyɛ wo.


Na ɛbaa sɛ nnansa akyiri no, Paulo frɛfrɛɛ Yudafoɔ atitire no hyiae; na wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, manyɛ biribi mantia ɔman anaa yɛn agyanom amanneɛ deɛ, nanso wɔkyeree me Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa.


Enti monhunu sɛ wɔama wɔde Nyankopɔn nkwagyeɛ no akɔma amanaman mufoɔ; na wɔbɛte.


Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafoɔ na wɔayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa


a yɛnam ne so anya adom ne asomafodwuma de rebrɛ amanaman nyinaa aso ase ama gyidie ne din nti;


Na mo amanaman mufoɔ na mekasa mekyerɛ mo: Ɛsiane sɛ meyɛ amanaman mu somafoɔ nti, mekamfo me som,


nanso Nyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi; na n’adom a ɔde dom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma bebree mesene wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me a, na mmom Nyankopɔn adom a ɛka me ho no a.


Na sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ adeɛ a mede hoahoa me ho, ɛfiri sɛ ɛtwa sɛ meka, na sɛ manka asɛmpa no a, mennue!


Paulo a ɛmfiri nnipa, nso ɛnnam onipa bi so, na mmom ɛnam Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no so na ɔyɛ ɔsomafoɔ


Yei nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufoɔ,


Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ (meka nokorɛ, menni atorɔ), amanaman mufoɔ kyerɛkyerɛfoɔ wɔ gyidie ne nokorɛ mu.


Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ.


Obi nkɔ ɔsa mfa daadaa asetena mu nsɛm mmarebare ne ho, na wasɔ ɔsahene ani.


Yeinom ne Adwammaa no bɛko, na Adwammaa no bɛdi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene, — ɔno ne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wɔdi nokorɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios