Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 8:40 - New Revised Asante Twi Bible

40 Na Filipo deɛ, ɔkɔfirii Asoto; na ɔretwa mu no, ɔkaa asɛmpa no nkuro no nyinaa mu de kɔsii sɛ ɔduruu Kaesarea.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

40 Na Filipo deɛ, ɔkɔfirii Asoto; na ɔretwa mu no, ɔkaa asɛmpa no nkuro no nyinaa mu de kɔsii sɛ ɔduruu Kaesarea.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

40 Filipo kopuee Asoto kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ nkurow no mu kosii sɛ okoduu Kaesarea.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

40 Filipo kɔpuee Asoto kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ nkuro no mu kɔsii sɛ ɔkɔduruu Kaesarea.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

40 Na Filipo de, okofii Asoto; na ɔretwam no, ɔkaa asɛmpa no nkurow no nyinaa mu de kosii sɛ oduu Kaesarea.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 8:40
21 Referencias Cruzadas  

Na amamfrafoɔ bɛtena Asdod, na mɛtwa Filistifoɔ ahantan so.


Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuo a wɔfrɛ no Italia deɛ no mu ɔha so panin.


Na adeɛ kyeeɛ no, wɔduruu Kaesarea; na Kornelio afrɛfrɛ n’abusuafoɔ ne ne nnamfo a wɔbɛn no ahyia retwɛn.


Na amonom hɔ ara na nnipa baasa a wɔsomaa wɔn firi Kaesarea baa me nkyɛn no gyina efie a mewɔ mu no ano.


Na Herode hwehwɛɛ no na wanhu no no, ɔbisaa awɛmfoɔ no sɛ ɛyɛeɛ, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔkum wɔn. Na ɔsiane firii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ.


Na ɔsii fam wɔ Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo no, na ɔsane kɔɔ Antiokia.


Na Kaesarea asuafoɔ no mu bi nso ne yɛn kɔe, na wɔde yɛn baa Mnason, Kiproni bi a ɔyɛ osuani dada, nkyɛn sɛ yɛnkɔtena hɔ.


Na adeɛ kyeeɛ no, yɛfiri hɔ baa Kaesarea; na yɛkɔɔ Ɔsɛmpakani Filipo a ɔka baason no ho fie kɔtenaa ne nkyɛn.


Na ɔfrɛɛ asraafoɔ ɔha so mpanimfoɔ no mu baanu bi kaa sɛ: Monsiesie asraafoɔ ahanu na wɔnkɔ Kaesarea, ne apɔnkɔfoɔ aduɔson, ne mpɛmɛtofoɔ ahanu, anadwo bɛyɛ nnɔnkron berɛ mu.


Na wɔn deɛ, wɔduruu Kaesarea na wɔyii nwoma no maa amrado no, wɔde Paulo nso kɔgyinaa n’anim.


Na afei Festo baa ne man a ɔdi so amrado no mu, na nnansa akyiri no, ɔfiri Kaesarea kɔɔ Yerusalem.


Na nna bi twaa mu no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛkyeaa Festo.


Na Festo buaa sɛ Paulo ntena Kaesarea, na ɛrenkyɛ na ɔno ara akɔ hɔ.


Na ɔdii wɔn nkyɛn bɛyɛ nnawɔtwe anaa dadu no, ɔsiane kɔɔ Kaesarea. Na adeɛ kyeeɛ a ɔkɔtenaa asɛnnie adwa soɔ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo mmra.


Na wɔn deɛ, wɔdii adanseɛ na wɔkaa Awurade asɛm no, wɔsane kɔɔ Yerusalem, na wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafoɔ nkuraa bebree ase.


Na anuanom no teɛɛ no, wɔde no siane kɔɔ Kaesarea, na wɔgyaa no kwan maa no kɔɔ Tarso.


nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie firi Yerusalem ne nkuro a atwa ho ahyia so akɔduru Iliriko.


Wɔannya Anakfoɔ Israelfoɔ no asase so; gye Gasa ne Gad ne Asdod na ebi kaeɛ.


Ɛberɛ a Filistifoɔ no faa Nyankopɔn adaka no, wɔde firi Eben-eser kɔɔ Asdod.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios