Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 8:39 - New Revised Asante Twi Bible

39 Na wɔfiri nsuo no mu reba no, Awurade honhom hwimm Filipo, na opiani no anhu no bio; na ɔde anigyeɛ kɔɔ ne kwan.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

39 Na wɔfiri nsuo no mu reba no, Awurade honhom hwimm Filipo, na opiani no anhu no bio; na ɔde anigyeɛ kɔɔ ne kwan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Wofi nsu no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo fii piamni no nkyɛn kɔe. Wanhu Filipo bio de, nanso ɔde anigye toaa nʼakwantu no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Wɔfiri nsuo no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo firii dabeni no nkyɛn kɔeɛ. Wanhunu Filipo bio de, nanso ɔde anigyeɛ toaa nʼakwantuo no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

39 Na wofi asu no mu reba no, Awurade honhom hwim Filipo, na opiani no anhu no bio; na ɔde anigye kɔɔ ne kwan.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 8:39
29 Referencias Cruzadas  

Na sɛ me deɛ, mefiri wo nkyɛn mekɔ a, AWURADE honhom bɛma wo so akɔ baabi a mennim, na sɛ meka mekyerɛ Ahab na wanhu wo a, ɔbɛkum me. Na me, w’akoa deɛ, mefiri me mmɔfraase mesuro AWURADE.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mmarima aduonum a wɔn ho yɛ den wɔ wo nkoa mu, ma wɔnkɔ nkɔhwehwɛ wo wura; na ebia sɛsɛɛ AWURADE honhom ama ne so kɔ de no akɔto mmepɔ no bi so, anaa mmonhwa no bi mu. Na ɔse: Monnsoma!


Mafa w’adansesɛm mayɛ m’agyapadeɛ daa, na ɛno na ɛma m’akoma ani gyeɛ.


W’adansesɛm kwan mu na m’ani gyeɛ, sɛdeɛ ɛgye ahonyadeɛ bi ho.


AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.


Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fie no apueeɛ fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ apueeɛ no ano; na hwɛ, na mmarima aduonu nnum gyina ɔponkɛseɛ no ano, na mehunuu Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu.


Na honhom no maa me so de me kɔɔ Kaldea, atukɔfoɔ no nkyɛn, anisoadehunu mu, Nyankopɔn honhom mu. Na adeɛ a mehunuiɛ no firii me so kɔɔ soro.


AWURADE nsa baa me so, na ɔde me firii adi wɔ AWURADE honhom mu, na ɔde me kɔsii bonhwakɛseɛ a nnompe ara nko ayɛ mu ma mu.


Na honhom no maa me so de me baa abannwa a ɛwɔ mu no so, na hwɛ, AWURADE animuonyam no ayɛ efie no ma.


Na ɔyii biribi a ɛte sɛ nsa nsɛsoɔ, na ɔsɔɔ m’atifi nwi mu, na honhom no maa me so faa asase ne ɔsoro ntam de me kɔɔ Yerusalem, Nyankopɔn anisoadehunu no mu, de me baa emu fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam no ano, deɛ ninkuntwe honi bi a ɛyi ninkunu sie hɔ.


Ɔsoro ahennie no te sɛ agyapadeɛ bi a wɔde asie afuo mu; ɛno na onipa bi kɔhunuiɛ, na ɔkataa soɔ, na ɛho anigyeɛ nti, ɔkɔ kɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuo no.


Na wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ɔfirii nsuo no mu, hwɛ, ntɛm ara na ɔsoro bue maa no, na ɔhunuu Nyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane sɛ aburuburo ba ne soɔ.


Na ɔfirii nsuo no mu no, ntɛm ara na ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resiane sɛ aburuburo aba ne soɔ.


Na asuafoɔ no deɛ, anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn ma.


Na ɔde wɔn baa ne fie too wɔn pono, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adie nti, ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn.


Na Honhom no ka kyerɛɛ Filipo sɛ: Twe kɔ teaseɛnam yi ho!


Na ɔhyɛ maa teaseɛnam no gyinae, na wɔn baanu siane kɔɔ nsuo no mu, Filipo ne opiani no, na ɔbɔɔ no asu.


Na anigyeɛ kɛseɛ baa kuro no mu.


ɔno nso so na yɛnam de gyidie anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Nyankopɔn animuonyam ho anidasoɔ mu.


Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.


Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!


Na afei mohoahoa mo ho mo ahupoo mu. Saa ahohoahoa yi nyinaa yɛ bɔne.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios