Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 8:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 Na wɔnam kwan so rekorɔ no, wɔkɔduruu asuo bi ho, na opiani no kaa sɛ: Hwɛ, nsuo ni; ɛdeɛn na ɛsi me asubɔ ho kwan?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

36 Na wɔnam kwan so rekorɔ no, wɔkɔduruu asuo bi ho, na opiani no kaa sɛ: Hwɛ, nsuo ni; ɛdeɛn na ɛsi me asubɔ ho kwan?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Wɔrekɔ no woduu asu bi ho. Piamni no ka kyerɛɛ Filipo se, “Nsu ni. Dɛn na esiw wo kwan sɛ wobɔ me asu?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Wɔrekɔ no, wɔduruu asuo bi ho. Dabeni no ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Nsuo nie. Ɛdeɛn na ɛsi wo kwan sɛ wobɔ me asu?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

36 Na wɔnam kwan so rekɔ no, wokoduu asu bi ho, na opiani no kae sɛ: Hwɛ, nsu ni; ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 8:36
9 Referencias Cruzadas  

Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,


Me deɛ, mebɔ mo asu wɔ nsuo mu kɔ adwensakyera mu, na deɛ ɔdi m’akyi reba no deɛ, ɔkorɔn kyɛn me; na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.


Na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ asuasu pii wɔ hɔ, na wɔbaa hɔ ma wɔbɔɔ wɔn asu.


Yesu buaa sɛ: Mereka no nokorɛ mu pefee akyerɛ wo sɛ: Wɔamfiri nsuo ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛne Nyankopɔn ahennie mu.


Obi bɛtumi asi nsuo ho kwan sɛ wɔmmmɔ yeinom a wɔanya Honhom Kronkron sɛ yɛn ara yi asu anaa?


[Na Filipo se: Sɛ wode w’akoma nyinaa gye di a, ɛwɔ ho kwan saa. Na ɔbuaa sɛ: Megye medi sɛ Yesu Kristo ne Nyankopɔn ba.]


Oyi ne deɛ ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ, Yesu Kristo no, na ɛnyɛ nsuo nko mu, na mmom ɛyɛ nsuo ne mogya mu. Na honhom no na ɛdi adanseɛ, ɛfiri sɛ honhom no ne nokorɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios