Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 8:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Na Filipo de mmirika kɔɔ ne nkyɛn, na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no, ɔbisaa no sɛ: Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

30 Na Filipo de mmirika kɔɔ ne nkyɛn, na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no, ɔbisaa no sɛ: Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifo Yesaia nhoma no, obisaa se, “Wote nea worekenkan yi ase ana?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no no, ɔbisaa sɛ, “Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

30 Na Filipo de mmirika kɔɔ ne nkyɛn, na ɔtee sɛ ɔrekan Odiyifo Yesaia nhoma no, obisaa no sɛ: So wote nea wokan yi ase anaa?

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 8:30
18 Referencias Cruzadas  

Metu wo mmara nsɛm kwan so mmirika, na wotrɛ m’akomam.


Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.


Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no.


Na deɛ wɔguu no asase pa mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔte aseɛ; ɔno na ɔso aba, ebi so ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.


Moate yeinom nyinaa ase anaa? Wɔbuaa no sɛ: Aane.


Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie, na monte aseɛ.


Enti sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no a Odiyifoɔ Daniel kaeɛ no, sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, (deɛ ɔrekenkan no, ma no nte aseɛ!)


Na sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no sɛ ɛgyina faako a ɛnsɛ no a, (ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ!) ɛno na ma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ;


Yesu see wɔn sɛ: M’aduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na mewie n’adwuma.


Mohwehwɛ atwerɛsɛm no mu, ɛfiri sɛ mosusu sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛno ne deɛ ɛdi me ho adanseɛ,


Na ɔsɔre kɔe. Na hwɛ, Etiopiani barima bi a ɔyɛ Etiopiafoɔ hemmaa Kandake piani tumfoɔ a wɔasa no, a ɔhwɛ ne sika nyinaa soɔ ni; waba Yerusalem abɛsɔre,


Na Honhom no ka kyerɛɛ Filipo sɛ: Twe kɔ teaseɛnam yi ho!


Na ɔse: Ɛbɛyɛ dɛn na mɛtumi, gye sɛ obi kyerɛ me? Na ɔsrɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn.


Na Filipo kɔɔ Samaria kuro bi mu kɔkaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ wɔn.


nanso asafo mu deɛ, mɛpɛ sɛ mede m’adwene meka nsɛm nnum, na makyerɛkyerɛ ebinom nso, sene sɛ mɛka nsɛm ɔpedu kasa bi mu.


Yei nti monnyɛ nnipa a wɔnni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wɔhunu adeɛ a Awurade pɛ yie.


Ɛha na wɔhwehwɛ nyansa. Deɛ ɔwɔ nteaseɛ mmu aboa no akonta no ntoano, na ɛyɛ onipa akonta ntoano, na n’akonta ntoano yɛ ahansia aduosia nsia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios