Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 8:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Na ɔsɔre kɔe. Na hwɛ, Etiopiani barima bi a ɔyɛ Etiopiafoɔ hemmaa Kandake piani tumfoɔ a wɔasa no, a ɔhwɛ ne sika nyinaa soɔ ni; waba Yerusalem abɛsɔre,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 Na ɔsɔre kɔe. Na hwɛ, Etiopiani barima bi a ɔyɛ Etiopiafoɔ hemmaa Kandake piani tumfoɔ a wɔasa no, a ɔhwɛ ne sika nyinaa soɔ ni; waba Yerusalem abɛsɔre,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Bere a Filipo rekɔ no, ohyiaa Etiopiani piamni bi a ɔyɛ Etiopiahemmea Kandake dabeni. Na saa onipa yi akɔ asɔre wɔ Yerusalem,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Ɛberɛ a Filipo rekɔ no, ɔhyiaa Etiopiani bi a ɔyɛ Etiopiahemmaa Kandake dabeni. Na saa onipa yi akɔ asɔre wɔ Yerusalem a ɔte ne teaseɛnam mu resane nʼakyi akɔ efie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Na ɔsɔre kɔe. Na hwɛ, Etiopiani barima bi a ɔyɛ Etiopiafo hemmaa Kandake piani tumfo a wasa no a ɔhwɛ ne sika nyinaa so ni; waba Yerusalem abɛsɔre,

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 8:27
25 Referencias Cruzadas  

Na Seba hemmaa tee Salomo nka a ɛfa AWURADE din ho, na ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ,


W’asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem nti, ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ wo.


Akunini firi Misraim bɛba, Etiopia bɛtene ne nsa ntɛm ama Onyankopɔn.


Sɛ mebɔ Misraimfoɔ, Babelfoɔ, Filistifoɔ, Tirofoɔ ne Etiopiafoɔ din wɔ wɔn a wɔni me mu mpo a, yeinom wɔwoo wɔn hɔ ara.


Ɛberɛ no mu na wɔde ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ asafo AWURADE ɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn ho akokwa, Wɔyɛ ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔfa aman ara firi akyirikyiri ne bɛnkyɛeɛ, na nsubɔntene atwitwa n’asase mu no. Wɔde wɔn bɛba asafo AWURADE din atenaeɛ a ɛne Sion bepɔ no soɔ.


mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ anafoɔ fam sɛ: Mfa nkora! Fa me mmabanin firi akyirikyiri bra, ne me mmammaa firi asase ano,


Sɛ AWURADE seɛ nie: Misraim adwumadeɛ ne Etiopia adwadeɛ a wɔnyaeɛ, ne Sebafoɔ, mmarima atentene no, bɛsene aba wo nkyɛn ne wo abɛtena, wɔbɛdi w’akyi; nkyehoma mu na wɔbɛsene aba, abɛsɔre woɔ, na wɔabɔ wo mpaeɛ sɛ: Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni baabi.


Na amanaman bɛnante aba wo hann no ho, na ahemfo aba hyerɛn a apue wo soɔ no ho.


Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforɔ no. Wɔn nyinaa firi Seba reba, sika ne ohwamfufuo na wɔsoso, na wɔbɛka AWURADE ayeyie.


Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔn mu, na masoma wɔn mu nnipa a wɔafiri mu afire no akɔ amanaman nkyɛn, Tarsis, Put ne Lud, taduakuntunfoɔ no, Tubal ne Yawan, nsuano aman a wɔwɔ akyirikyiri a wɔntee me nka, na wɔnhunuu m’animuonyam no, na wɔakɔka m’animuonyam amanaman no mu.


Etiopiani bɛtumi asakyera ne wedeɛ, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakyera ne ho nworonnworan? Ɛnneɛ mo nso mobɛtumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwa mo.


Na Etiopiani Ebed-melek, opiani a ɔwɔ ahemfie no tee sɛ wɔde Yeremia ato abura no mu; berɛ a na ɔhene no te Benyamin ponkɛseɛ mu.


Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, merema me nsɛm no aba mu kuro yi ho, na asi wɔn bɔne, na ansi wɔn yie, w’anim na ɛbɛba mu da no.


Etiopia nsubɔntene agya no ho na me nkurɔfoɔ a wɔbɔɔ wɔn peteeɛ no bɛfiri de m’aduane ayɛyɛdeɛ abrɛ me.


Anafoɔ fam hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa; na hwɛ, deɛ ɔsene Salomo wɔ ha.


Na Helafoɔ bi wɔ wɔn a wɔbaa sɛ wɔrebɛsɔre afahyɛ no ase no mu;


na ɔresane akorɔ, na ɔte ne teaseɛnam mu rekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma.


Na ɛnni po agya nso na woaka sɛ: Hwan na ɔbɛtwa po ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?


Gyidie na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde setie firi kɔɔ baabi a daakye ɔbɛnya hɔ sɛ agyapadeɛ, na ɔfirii adi a na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios