Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 7:60 - New Revised Asante Twi Bible

60 Na ɔkotoo ne nan anim de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa yei no, ɔkaa n’ani guu so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

60 Na ɔkotoo ne nan anim de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa yei no, ɔkaa n’ani guu so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

60 Afei obuu nkotodwe teɛɛ mu dennen se, “Awurade, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.” Ɔkaa saa no, owui.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

60 Afei, ɔbuu nkotodwe teaam denden sɛ, “Awurade, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.” Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔwuiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

60 Na ɔkotow ne nan anim de nne kɛse teɛɛm sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa eyi no ɔkaa n'ani guu so.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 7:60
23 Referencias Cruzadas  

Na anwummerɛ afɔrebɔ mu no, mesɔre firii m’awerɛhoɔ no mu, nso na masunsuane m’atadeɛ ne me batakari mu, na mekotoo me nankoroma anim metrɛɛ me nsam mekyerɛɛ AWURADE me Nyankopɔn


Na wɔn a wɔadeda fam dɔteɛ mu no bebree bɛnyane, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohoradeɛ ne daa ahiyie mu.


Na Daniel tee sɛ wɔakurukyire atwerɛ no, ɔkɔɔ ne fie, nso na n’abansoro dan mu mpomma a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkɔɔ ne nkotodwe anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔɔ mpaeɛ daa ase, ne Nyankopɔn anim sɛdeɛ na ɔyɛ no kane no ara.


Na aboda buebuee, na nnipa kronkron a wɔawuwuo no amu bebree nyanenyanee,


Na me deɛ, mese mo sɛ monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo no;


Na ɔtwee ne ho firii wɔn nkyɛn bɛyɛ sɛ deɛ wɔto ɔboɔ a, ɛbɛtɔ no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ


Na Yesu kaa sɛ: Agya, fa kyɛ wɔn, na wɔnnim deɛ wɔreyɛ! Na wɔtwee ntonto de kyɛɛ ne ntoma mu.


monhyira wɔn a wɔdome mo, mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔha mo!


Ɔkaa yeinom, na ɛno akyiri no, ɔsee wɔn sɛ: Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makɔnyane no.


Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ;


Na ɔkaa saa no, ɔkotoo ne nankoroma anim ne wɔn nyinaa bɔɔ mpaeɛ.


Na yɛwiee nna no die no, yɛfirii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma bɛgyaa yɛn kwan de kɔsii sɛ yɛfirii kuro no mu, na yɛkotoo mpoano hɔ bɔɔ mpaeɛ.


Na Petro pamoo wɔn nyinaa firii adie no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee n’ani kyerɛɛ amu no, na ɔse: Tabita, sɔre! Na ɔtee n’ani, na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.


Yei nti na wɔn a wɔyɛ mmerɛ na wɔyareyare pii wɔ mo mu, na bebree nso awuwu.


Ɛno deɛ na wɔn a wɔdedaa Kristo mu no ayera.


Nanso afei deɛ, wɔanyane Kristo afiri awufoɔ mu ayɛ wɔn a wɔadeda no mu aduaba a ɛdi kan.


Hwɛ, mereka mo ahuntasɛm: Yɛn nyinaa renna, na yɛn nyinaa bɛsakyera


Ɛno akyiri no, ɔmaa anuanom bɛboro ahanum hunuu no prɛko; wɔn mu pii da so te ase, na ebinom adeda.


Ɔno na ɔwu maa yɛn sɛ yɛnyane oo, yɛwu oo, yɛne no ntena nkwa mu.


Me nyiano a ɛdi kan no mu, obiara ammɛgyina m’akyi, na wɔn nyinaa gyaa me hɔ; wɔmmmu nngu wɔn so.


abɛka sɛ: Ne ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na ɛfirii sɛ agyanom dedaeɛ yi, ade nyinaa te sɛdeɛ ɛte firi adebɔ mfitiaseɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios