Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 7:45 - New Revised Asante Twi Bible

45 Yɛn agyanom nsa kaa saa ntomadan yi no, wɔne Yosua de baa amanaman a Onyankopɔn pamm wɔn firii yɛn agyanom anim no asase so. Ɛte saa ara de bɛsii Dawid berɛ so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

45 Yɛn agyanom nsa kaa saa ntomadan yi no, wɔne Yosua de baa amanaman a Onyankopɔn pamm wɔn firii yɛn agyanom anim no asase so. Ɛte saa ara de bɛsii Dawid berɛ so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

45 Akyiri no, yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de ntamadan no baa asase a Onyankopɔn pam so nnipa de maa wɔn no so. Esii hɔ ara kosii Dawid bere so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

45 Akyire yi, yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de ntomadan no baa asase a Onyankopɔn pamoo so nnipa de maa wɔn no so. Ɛsii hɔ ara kɔsii Dawid ɛberɛ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

45 Yɛn agyanom nsa kaa saa ntamadan yi no, wɔne Yosua de baa amanaman a Onyankopɔn pam wɔn fii yɛn agyanom anim no asase so. Ɛte saa ara de besii Dawid bere so.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 7:45
20 Referencias Cruzadas  

Na wɔde AWURADE adaka no ne ahyiaeɛ ntomadan no ne kronkronbea nnoɔma a ɛwɔ ntomadan no mu no nyinaa bae, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no na wɔde foro baeɛ.


Na ɔgyaa Ɔsɔfoɔ Sadok ne ne nuanom asɔfoɔ hɔ AWURADE tenabea no anim sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibea no,


Na berɛ no na AWURADE tenabea a Mose yɛɛ no ɛserɛ soɔ no ne afɔrebukyia no wɔ sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no mu.


ne ba Nun, ne ba Yosua.


Na wɔn mma no baa so bɛdii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofoɔ, Kanaanfoɔ no, ase wɔ wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahemfo ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ.


Wode wo nsa pamm amanaman, na wɔn deɛ, woduaa wɔn. Wobɔɔ aman, na wɔn deɛ, wotrɛɛ wɔn mu.


Ɔpampamm amanaman, wɔn anim, na ɔtwee wɔn awunnyadeɛ so ntonto kyɛɛ no homa so, na ɔmaa Israel mmusuakuo tenatenaa wɔn ntomadan mu.


Wotuu obobe firii Misraim bae, wotutuu amanaman na wobɛtɛe.


Na ɔsɛee aman nson Kanaan asase soɔ no, ɔkyɛɛ wɔn asase no maa wɔn.


Kɔforo Abarim bepɔ yi, Nebo bepɔ a ɛwɔ Moab asase soɔ, Yeriko ntentensoɔ no, na kɔhwɛ Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ sɛ wɔmfa no.


Na sɛ na Yosua ama wɔn ahome a, anka akyire yi wammɔ da foforɔ din bio.


Na Israelfoɔ asafo no nyinaa bɛhyiaa Silo, na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.


Na AWURADE atu amanaman akɛseɛ a wɔn ho yɛ den afiri mo anim, na mo deɛ, obi ntumi nnyinaa mo anim de abɛduru nnɛ.


Na AWURADE apamo aman no nyinaa ne Amorifoɔ a wɔte asase no soɔ no afiri yɛn anim; yɛn nso yɛbɛsom AWURADE, na ɔno ne yɛn Nyankopɔn.


Na wɔde Mika honi a wɔasene a ɔyɛeɛ no sii hɔ fae nna a Nyankopɔn fie no wɔ Silo no nyinaa.


Ɛnna ɔman no soma maa wɔkɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no baeɛ, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Nyankopɔn apam adaka no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios