Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 7:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn. Na Mose ho popoeɛ, na wansi ne bo ankɔhwɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

32 Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn. Na Mose ho popoeɛ, na wansi ne bo ankɔhwɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 ‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn.’ Ehu kaa Mose nti wantumi anhwɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 ‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn.’ Ehu kaa Mose enti wantumi anhwɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

32 Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn. Na Mose ho popoe, na wansi ne bo ankɔhwɛ.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 7:32
23 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no anadwo no ara kaa sɛ: Mene w’agya Abraham Nyankopɔn, nsuro, na medi w’akyi. Mɛhyira wo, na m’akoa Abraham nti mɛma w’asefoɔ adɔre.


Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebɛti nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabɛyi mo afiri asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.


Na ɛbaa sɛ Elia teeɛ no, ɔde ne ngusoɔ kataa n’anim, na ɔfiri kɔgyinaa ɔbodan no ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?


ehu ne ahopopoɔ kaa me, na ɛmaa me nnompe nyinaa wosoe.


Onyankopɔn a ne ho yɛ hu, akronkronfoɔ dwabɔ kɛseɛ no mu, na wɔsuro no sene wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn. Na yei ne me din de kɔsi daa, na yei na wɔmfa nkae me, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Na ɔkaa sɛ: Mene w’agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n’anim, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn.


Na ɔse: Wontumi nhunu m’anim, ɛfiri sɛ onipa renhunu m’anim nnya nkwa.


Deɛ ɛbɛyɛ na wɔagye adi sɛ AWURADE, wɔn nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na ayi ne ho akyerɛ wo ne no.


Na asuafoɔ no teeɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, na wɔsuroo yie.


sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn? Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Nyankopɔn na mmom ateasefoɔ Nyankopɔn.


Na obiara antumi ammua no asɛm biara, nanso ɛfiri da no, obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.


Na Simon Petro hunuiɛ no, ɔhwee Yesu nan ase kaa sɛ: Firi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛni.


Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’akoa Yesu a moyii no maeɛ, na mopoo no wɔ Pilato a ɔbuu atɛn sɛ ɔbɛgyaa no no anim no animuonyam.


Na Mose hunuiɛ no, anisoadeɛ no yɛɛ no nwanwa; na ɔtwe bɛnee sɛ ɔrekɔhwɛ no, Awurade nne baa sɛ:


Na afei wɔrehwehwɛ kuro a ɛyɛ kyɛne soɔ a ɛne ɔsoro deɛ. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ wɔbɛfrɛ no wɔn Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wasiesie kuro bi ama wɔn.


Na mehunuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufoɔ, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios