Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 7:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Firi w’asase so ne w’abusua mu, na bra asase a mɛkyerɛ woɔ no so!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Firi w’asase so ne w’abusua mu, na bra asase a mɛkyerɛ woɔ no so!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 ka kyerɛɛ no se, ‘Fi wʼabusuafo nkyɛn ne wʼasase so kɔ baabi a mɛkyerɛ wo no.’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Firi wʼabusuafoɔ nkyɛn ne wʼasase so kɔ baabi a mɛkyerɛ wo no.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fi w’asase so ne w’abusua mu, na bra asase a mɛkyerɛ wo no so!

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 7:3
11 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo deɛ, firi w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fie kɔ asase a mɛkyerɛ woɔ no so.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE a ɔde wo firii Ur a ɛwɔ Kaldea no, sɛ mede asase yi bɛma wo sɛ agyapadeɛ.


Na Onyankopɔn maa mefirii m’agya fie mebɛkyiniiɛ no, mesee ɔbaa no sɛ: W’adɔeɛ a wobɛyɛ me ne sɛ, baabiara a yɛbɛduro no, ka no me ho sɛ: Ɔyɛ me nua.


Na wohunuu n’akoma sɛ ɛyɛ nokorɛ wɔ w’anim, na wo ne no pamm sɛ wɔde Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma n’asefoɔ. Na woama wo nsɛm no atim, ɛfiri sɛ woyɛ ɔteneneeni.


Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me,


Saa ara nso na mo mu biara a ɔnnya deɛ ɔwɔ nyinaa hɔ ntumi nyɛ me suani.


Ɛnna ɔfirii Kaldeafoɔ asase so bɛtenaa Haran; na n’agya wuo akyiri no, ɔmaa no firii hɔ bɛtenaa asase yi a mote soɔ nnɛ yi so.


Enti momfiri wɔn mu, na monte mo ho mfiri wɔn mu, Awurade na ɔseɛ, na monnka deɛ ɛyɛ fi; na me nso magye mo,


Gyidie na wɔfrɛɛ Abraham no, ɔde setie firi kɔɔ baabi a daakye ɔbɛnya hɔ sɛ agyapadeɛ, na ɔfirii adi a na ɔnnim deɛ ɔrekorɔ.


Na mefaa mo agya Abraham firii asuogya, na memaa no nantee Kanaan asase nyinaa so, na memaa n’asefoɔ dɔree, na memaa no Isak.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios