Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 7:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔbɛtoo wɔn sɛ wɔreko. Ɛnna ɔpataa wɔn kaa sɛ: Mmarima, moyɛ anuanom; adɛn nti na moreyɛ mo ho bɔne?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔbɛtoo wɔn sɛ wɔreko. Ɛnna ɔpataa wɔn kaa sɛ: Mmarima, moyɛ anuanom; adɛn nti na moreyɛ mo ho bɔne?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Ade kyee no, ohuu sɛ Israelfo baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Obisaa wɔn se, ‘Adɛn nti na moatwa mo ho reko? Munnim sɛ moyɛ anuanom ana?’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Israelfoɔ baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na moatwa mo ho reko? Monnim sɛ moyɛ anuanom anaa?’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na ade kyee no, ɔbɛtoo wɔn sɛ wɔreko. Ɛnna ɔpataa wɔn kae sɛ: Mmarima, moyɛ anuanom; adɛn nti na moyɛ mo ho bɔne?

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 7:26
12 Referencias Cruzadas  

Na Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ: Mesrɛ wo, mma akasakasa mmma me ne wo ntam, ne me mmoahwɛfoɔ ne wo mmoahwɛfoɔ ntam, na yɛyɛ anuanom.


Na ɔgyaa ne nuanom kwan maa wɔkɔe. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo bo nnkɔfu mo ho mo ho wɔ ɔkwan so oo!


Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena faako.


Onua a wɔafom no sene kuro denden, na ntɔkwa te sɛ abankɛseɛ akyiri adaban.


Na ntɛm ara na Yesu hyɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔnkɔ kodoɔ mu, nni kan ntwa nkɔ asuogya nohoa, na ɔnnya nkurɔfoɔ akuakuo no kwan ansa.


Na ɔsusuu sɛ anuanom no bɛhunu sɛ Onyankopɔn nam ne nsa so rebɛgye wɔn; nanso wɔanhunu.


Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi, sɛ ɔdɔ awerɛkyekyerɛ bi, sɛ Honhom no ayɔnkofa bi, sɛ ayamhyehyeɛ ne ntimmɔborɔ bi wɔ hɔ a,


Monnnwene biribi atutupɛ anaa animuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛaseɛ adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛne mo ara mo ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios