Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 6:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na wɔn a wɔte dwa mu hɔ no nyinaa hwɛɛ no dinn, na wɔhunuu sɛ n’anim te sɛ ɔsoro bɔfoɔ bi anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na wɔn a wɔte dwa mu hɔ no nyinaa hwɛɛ no dinn, na wɔhunuu sɛ n’anim te sɛ ɔsoro bɔfoɔ bi anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Nnipa a na wɔte bagua mu hɔ no nyinaa hwɛɛ Stefano anim, na wohuu sɛ nʼanim ayɛ te sɛ ɔsoro ɔbɔfo anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Nnipa a na wɔte badwa mu hɔ no nyinaa hwɛɛ Stefano anim, na wɔhunuiɛ sɛ nʼanim ayɛ te sɛ ɔsoro ɔbɔfoɔ anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na wɔn a wɔte guam hɔ no nyinaa hwɛɛ no dinn, na wohui sɛ n’anim te sɛ ɔsoro ɔbɔfo anim.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 6:15
9 Referencias Cruzadas  

Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ no, na hwan na ɔnim asɛm ase kyerɛ? Onipa nyansa ma n’anim hyerɛn, na n’anim denyɛ sakyera.


Ɛnna ateneneefoɔ no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn Agya ahennie mu. Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!


Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.


Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


Afei ɔde ne nsa guu n’ani so bio, na ɔhwɛɛ adeɛ haa; na ne ho sanee no, na ɔhunuu biribiara kann.


Na ɔsɔfo panin no bisaa sɛ: Nsɛm yi te saa anaa?


Na yɛn nyinaa de yɛn ani a ɛso da hɔ hwɛ Awurade animuonyam no sɛ wɔhwɛ ahwehwɛ mu, na wɔsakyera yɛn kɔ suban korɔ no ara mu firi animuonyam mu kɔ animuonyam mu, na yei ɛfiri Awurade honhom no ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios