Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 6:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na yɛate sɛ ɔkaa sɛ: Yesu Nasareni yi bɛsɛe ha, na wasakyera amanneɛ a Mose de ama yɛn no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na yɛate sɛ ɔkaa sɛ: Yesu Nasareni yi bɛsɛe ha, na wasakyera amanneɛ a Mose de ama yɛn no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Yɛtee mpo sɛ ɔreka se, saa Yesu Nasareni no bedwiriw yɛn asɔredan no agu na wasesa yɛn amanne a Mose de gyaw yɛn no!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Yɛtee mpo sɛ ɔreka sɛ, saa Yesu Nasareni no bɛdwiri yɛn asɔredan no agu na wasesa yɛn amanneɛ a Mose de maa yɛn no!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na yɛate sɛ ɔkae sɛ: Yesu Nasareni yi bɛsɛe ha, na wasakra amanne a Mose de ama yɛn no.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 6:14
33 Referencias Cruzadas  

Na mobɛgya mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mayi wɔn, na AWURADE Nyankopɔn bɛku mo, na wato ne nkoa din foforɔ,


Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ mmapɔmma no nyinaa ne ɔman no nyinaa sɛ: AWURADE na asoma me sɛ memmɛhyɛ efie yi ne kuro yi ho nkɔm menka nsɛm a moteeɛ no nyinaa.


Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔbɛfuntum Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane nkunkumaboɔ akuakuo, na efie no bepɔ no adane kwaeɛ mu sorɔnsorɔmmea.


Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni.


Saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane aboɔ akuakuo, na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.


Lebanon, hinihini w’apono, na ogya nhye wo ntweneduro no!


Na mɛboa amanaman nyinaa ano aba Yerusalem ne no abɛko, na wɔafa kuro no, na wɔafom afie no afa, na wɔagu mmaa no ho fi, na kuro no fa afiri akɔ atukorɔ mu, na ɔman no nkaeɛ deɛ, wɔrentwitwa wɔn mfiri kuro no mu.


sɛ: Oyi aka sɛ: Mɛtumi madwiri Nyankopɔn asɔredan, na masi no nnansa.


Yɛate sɛ ɔreka sɛ: Mɛdwiri asɔredan a wɔde nsa ayɛ yi, na nnansa mu mɛto bi a wɔamfa nsa anyɛ.


Na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman bɛtiatia Yerusalem so de akɔsi sɛ amanaman no berɛ bɛwie duro.


Nnoɔma a mohunu yi deɛ, nna bi bɛba a wɔrennya ɔboɔ wɔ ɔboɔ so wɔ emu a wɔrennwiri ngu fam.


Yesu bua see wɔn sɛ: Monnwiri asɔredan yi, na mede nnansa bɛma so bio.


Yesu see no sɛ: Ɔbaa, gye me di sɛ, dɔn no reba a ɛnyɛ bepɔ yi so, anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no.


Na nnipa bi firi Yudea ba bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ teɛ no a, montumi nnya nkwagyeɛ.


Na wɔate wo ho asɛm sɛ wokyerɛkyerɛ Yudafoɔ a wɔwɔ amanaman no mu nyinaa sɛ wɔnnya Mose, na woka sɛ wɔnntwa wɔn mma twetia, na wɔnnni amanneɛ no so.


Na Paulo yii ano sɛ: Menyɛɛ Yudafoɔ mmara anaa asɔrefie anaa Kaesare ho bɔne biara.


ne titire no, wonim amanneɛ nyinaa ne akyinnyesɛm a ɛwɔ Yudafoɔ mu; enti mesrɛ wo sɛ tɔ wo bo ase tie me.


Na ɛbaa sɛ nnansa akyiri no, Paulo frɛfrɛɛ Yudafoɔ atitire no hyiae; na wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, manyɛ biribi mantia ɔman anaa yɛn agyanom amanneɛ deɛ, nanso wɔkyeree me Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa.


Na afei, mmara no ne deɛn? Mmara atotoatoto nti na wɔde kaa ho, kɔsi sɛ aseni a wɔhyɛɛ bɔ maa no no bɛba; na wɔnam abɔfoɔ so na ɛhyehyɛeɛ wɔ ntamgyinafoɔ bi nsa mu.


Na gyidie nnya mmaeɛ no, wɔde yɛn siee mmara ase wɛnn yɛn maa gyidie a wɔrebɛyi no adi akyerɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios