Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 6:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na wɔde adansekurumfoɔ bɛgyinaa hɔ a wɔse: Onipa yi nnyaee abususɛm a ɔka tia kronkronbea hɔ ne mmara no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na wɔde adansekurumfoɔ bɛgyinaa hɔ a wɔse: Onipa yi nnyaee abususɛm a ɔka tia kronkronbea hɔ ne mmara no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Afei, wɔde nnipa ba bedii adansekurum tiaa Stefano se, “Saa onipa yi ka abususɛm tia yɛn asɔredan kronkron no ne Mose Mmara no daa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Afei, wɔde nnipa ba bɛdii adansekurumu tiaa Stefano sɛ, “Daa, saa onipa yi ka abususɛm tia yɛn asɔredan kronkron no ne Mose Mmara no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na wɔde adansekurumfo begyinaa hɔ a wose: Onipa yi nnyae abususɛm a ɔka tia kronkronbea hɔ ne mmara no ka.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 6:13
11 Referencias Cruzadas  

Nnane me mma sɛdeɛ m’atamfoɔ pɛ, na adansekurumfoɔ asɔre atia me, ne wɔn a wɔpu aniɛdensɛm.


Adansefoɔ nkontompofoɔ sɔre; adeɛ a mennim na wɔbisa me.


Da biara wɔtutu me nsɛm ano sisi, bɔne nko ara na wɔdwene me ho.


Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, te sɛ ɔfononoo a paanootoni ahyɛ mu gya na ɔgyae mu pia firi mmɔre feteɛ so kɔsi ne ka soɔ.


Enti sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no a Odiyifoɔ Daniel kaeɛ no, sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, (deɛ ɔrekenkan no, ma no nte aseɛ!)


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurumu, na wɔanya no akum no,


Israel mmarima, mommɛboa! Oyi ne onipa a ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa mmaa nyinaa tia ɔman ne mmara ne ɛha yi, na ɔde Helafoɔ nso aba asɔrefie, de efi abɛka kronkronbea ha yi.


Na Paulo yii ano sɛ: Menyɛɛ Yudafoɔ mmara anaa asɔrefie anaa Kaesare ho bɔne biara.


Ɛnna wɔne nnipa bi hyehyɛ maa wɔkaa sɛ: Yɛate sɛ ɔkaa abususɛm tiaa Mose ne Onyankopɔn.


na wɔsunsumm no firii kuro no mu kɔsii no aboɔ. Na adansefoɔ no de wɔn ntoma guguu aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Saulo nan ase.


Na sɛ wɔsakyeraa asɔfodie no a, ɛtwa sɛ wɔsakyera mmara no nso.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios