Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 5:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na ɛmaa wɔde ayarefoɔ firii adi baa mprama so bɛtotoo mpa ne kɛtɛ so, na sɛ Petro retwam a, ne sunsum atɔ wɔn mu bi so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na ɛmaa wɔde ayarefoɔ firii adi baa mprama so bɛtotoo mpa ne kɛtɛ so, na sɛ Petro retwam a, ne sunsum atɔ wɔn mu bi so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Esiane anwonwade a na asomafo no reyɛ no nti, wɔsoaa ayarefo baa mmɔnten so de wɔn totoo mpa ne akɛtɛ so sɛnea ɛbɛyɛ a Petro sunsuma bɛtɔ wɔn mu bi so kɛkɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Esiane anwanwadeɛ a na asomafoɔ no reyɛ no enti, wɔsoaa ayarefoɔ baa mmɔntene so de wɔn totoo mpa ne kɛtɛ so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Petro sunsum bɛtɔ wɔn mu bi so kɛkɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na ɛma wɔde ayarefo fii adi baa mprama so bɛtotoo mpa ne kɛtɛ so, na sɛ Petro retwam a, ne sunsuma atɔ wɔn mu bi so.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 5:15
8 Referencias Cruzadas  

okum wɔ ne berɛ, na ayaresa wɔ ne berɛ; bubuo wɔ ne berɛ, na osie wɔ ne berɛ;


na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atadeɛ ano nnwo nko ara. Na dodoɔ a wɔde wɔn nsa kaeɛ no ho yɛɛ wɔn den.


Na ɔkaa no ne tirim sɛ: Sɛ mede me nsa meka n’atadeɛ nko ara a, me ho bɛyɛ me den.


na wɔde mmirika kɔkyinii asase a atwa ahyia no nyinaa so, na wɔfitii aseɛ soaa wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den kɛtɛ so de wɔn baa baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye me die no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛseɛ asene yeinom, ɛfiri sɛ me deɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.


Yei akyiri no, wɔn a aka nso a wɔyare supɔ no soɔ no bae, maa ɔsaa wɔn yadeɛ.


Na nkuro a atwa ahyia Yerusalem ho no mu nnipa pii nso bɛhyiaa Yerusalem, de ayarefoɔ ne wɔn a ahonhom fi ha wɔn bae, na wɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios