Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 4:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 Na Yosef a asomafoɔ no too no Barnaba, (a ne nkyerɛaseɛ ne afotuo ba) a ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro man mu no

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

36 Na Yosef a asomafoɔ no too no Barnaba, (a ne nkyerɛaseɛ ne afotuo ba) a ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro man mu no

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Yosef a na ɔyɛ Lewini a ofi Kipro a na asomafo no frɛ no Barnaba, a ne nkyerɛase ne “Nkuranhyɛ Ba” no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Yosef a na ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro a na asomafoɔ no frɛ no Barnaba, a asekyerɛ ne “Nkuranhyɛ Ba” no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

36 Na Yosef a asomafo no too no Barnaba (a ne nkyerɛase ne afotu ba) a ɔyɛ Lewini, a ofi Kipro man mu no

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 4:36
24 Referencias Cruzadas  

Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, na ɔtoo wɔn din Bo-anerges, aseɛ ne aprannaa mma;


Wɔyɛɛ saa, na wɔde somaa Barnaba ne Saulo maa wɔde kɔmaa mpanimfoɔ no.


Na Barnaba ne Saulo wiee wɔn som no, wɔsane firii Yerusalem, na wɔfaa Yohane a wɔfrɛ no Marko nso kaa wɔn ho.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo.


Na wɔwiee mmara ne adiyifoɔ no kenkan no, hyiadan no mu mpanimfoɔ soma baa wɔn nkyɛn sɛ: Anuanom, sɛ mowɔ afotusɛm bi a mobɛka akyerɛ ɔman no a, monka!


Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kaa sɛ: Monyi Barnaba ne Saulo mma me na wɔnkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.


Na afei Honhom Kronkron somaa wɔn saa no, wɔsii mu kɔɔ Seleukia, na wɔfiri hɔ nam suhyɛn mu kɔɔ Kipro.


Na nnipakuo no nyinaa yɛɛ komm, na wɔtiee Barnaba ne Paulo a wɔreka nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ no amanaman no mu.


Na afei akasakasa ne akyinnyegyeɛ denden bi baa Paulo ne Barnaba ɛne wɔn ntam no, wɔhyɛɛ sɛ asɛm no nti Paulo ne Barnaba ne wɔn mu binom nso nkɔ asomafoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn wɔ Yerusalem.


Na Barnaba kaa sɛ wɔbɛfa Yohane a wɔfrɛ no Marko aka wɔn ho.


Ɛnna akasakasa a emu yɛ den baeɛ, na ɛmaa wɔpaepaee mu, na Barnaba faa Marko faa nsuo ani kɔɔ Kipro;


Na Kaesarea asuafoɔ no mu bi nso ne yɛn kɔe, na wɔde yɛn baa Mnason, Kiproni bi a ɔyɛ osuani dada, nkyɛn sɛ yɛnkɔtena hɔ.


Na yɛn ani tua Kipro no, yɛgya too benkum kɔɔ Siria, na yɛkɔsii fam Tiro; ɛfiri sɛ ɛhɔ na na suhyɛn no rekɔyi n’adesoa aguo.


Na yɛtu firii hɔnom no, yɛfaa Kipro aseɛ aseɛ, ɛfiri sɛ mframa hyiaa yɛn.


Na Barnaba faa no ne no kɔɔ asomafoɔ no nkyɛn, na ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɔhunuu Awurade ɔkwan mu ne sɛ ɔkasa kyerɛɛ no, ne sɛdeɛ ɔde akokoɔduro kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko.


Na deɛ ɔhyɛ nkɔm deɛ, ɔka nkɔsosɛm ne afotuo ne awerɛkyekyerɛ kyerɛ nnipa.


Anaasɛ mene Barnaba nko ara na yɛnni ho kwan sɛ yɛgyae adwumayɛ?


Ɛnna ɛno akyiri mfeɛ dunan me ne Barnaba kɔɔ Yerusalem bio, na mefaa Tito nso kaa me ho.


Na Yudafoɔ a aka no ne no yɛɛ nkɔnkɔnsa bi maa wɔn nkɔnkɔnsa no twee Barnaba nso kɔɔ bi.


Na wɔhunuu adom a wɔde ama me no, Yakobo ne Kefa ne Yohane a wɔbu wɔn sɛ adum no tenee ayɔnkoyɛ nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufoɔ mu, na wɔn deɛ, wɔnka no twetiatwafoɔ mu,


Aristarko, me yɔnko dommum ne Barnaba wɔfase Marko a monyaa ne ho nkra no, (sɛ ɔba mo nkyɛn a, monnye no fɛ so).


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios