Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 3:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Na adiyifoɔ nyinaa a ɛfiri Samuel so, ne wɔn a wɔdi soɔ no, dodoɔ a wɔkasaeɛ, wɔn nso kaa nna yi ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 Na adiyifoɔ nyinaa a ɛfiri Samuel so, ne wɔn a wɔdi soɔ no, dodoɔ a wɔkasaeɛ, wɔn nso kaa nna yi ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 “Samuel ne adiyifo a akyiri no wɔbae no nyinaa nso aka asɛm a asi nnɛ yi ho asɛm pɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 “Samuel ne adiyifoɔ a akyire no wɔbaeɛ no nyinaa nso aka asɛm a asi ɛnnɛ yi ho asɛm pɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Na adiyifo nyinaa, a efi Samuel so ne wɔn a wodidi so no, dodow a wɔkasae, wɔn nso kaa nna yi ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 3:24
12 Referencias Cruzadas  

Mose ne Aaron wɔ n’asɔfoɔ mu, na Samuel wɔ wɔn a wɔbɔ ne din mu, wɔfrɛɛ AWURADE, na ɔgyee wɔn so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel mpo bɛgyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; yi wɔn firi m’ani so na ma wɔnkɔ!


Na ɔfiri Mose ne adiyifoɔ nyinaa so kyerɛɛ wɔn atwerɛ nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase.


Na ɛno akyiri bɛyɛ mfirinhyia ahanan aduonum no, ɔmaa wɔn atemmufoɔ de bɛsii Odiyifoɔ Samuel so.


Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanseɛ sɛ ɛtwa sɛ Kristo no hunu amane, na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Na ɔse: Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no.


Sɛ Kristo no bɛhunu amane, na wadi awufoɔ sɔreɛ mu kan ama wɔaka hann ho asɛm akyerɛ ɔman no ne amanaman mufoɔ no.


Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne,


a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kɔsi berɛ a wɔbɛhyɛ nnoɔma a Onyankopɔn nam n’adiyifoɔ kronkron anomu, firi teteete kaeɛ no nyinaa ananmu.


Na afei wɔakwati mmara ayi Nyankopɔn tenenee adi; ɛho adanseɛ na mmara ne adiyifoɔ die.


Na Samuel deɛ, ɔsom AWURADE anim; ɔyɛ abɔfra a wɔde nwera asɔfotadeɛ abɔ ne mu.


Na abɔfra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛ na nna no mu, na anisoadehunu ntaa mma.


Na Israel nyinaa, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba hunuu sɛ wɔde Samuel asi hɔ sɛ ɔnyɛ AWURADE diyifoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios