Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 3:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 na ɛyɛ a, ahodwoɔ nna afiri Awurade anim aba, na wasoma deɛ wɔayi no asi hɔ ama mo dada no, Yesu Kristo no

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

20 na ɛyɛ a, ahodwoɔ nna afiri Awurade anim aba, na wasoma deɛ wɔayi no asi hɔ ama mo dada no, Yesu Kristo no

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 na wasoma Yesu a ɔyɛ Agyenkwa a wɔayi no ama mo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Awurade Honhom mu ahoɔden bɛba na wasoma Yesu a ɔyɛ Agyenkwa no a wayi no ama mo dada no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

20 na ɛyɛ a, ahodwo nna afi Awurade anim aba, na wasoma nea wɔayi no asi hɔ ama mo dedaw, Yesu Kristo no

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 3:20
15 Referencias Cruzadas  

Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Na ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn wɔ afa baabi bɛkaa sɛ: Ka kyerɛ yɛn, da bɛn na yeinom bɛyɛ hɔ, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ?


Na ɛno na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛseɛ ne animuonyam reba mununkum mu.


Na wɔretie yeinom no, ɔtoaa so buu bɛ bi, ɛfiri sɛ na wabɛn Yerusalem, na nkurɔfokuo no susuu sɛ Nyankopɔn ahennie rebɛyi ne ho adi amonom hɔ ara. Enti Yesu kaa sɛ:


Ɛnna wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ reba mununkum mu.


ɛfiri sɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bɛbu wiase atɛn tenenee mu; ɔno na wama no asɔre afiri awufoɔ mu de adi adanseɛ sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne,


a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kɔsi berɛ a wɔbɛhyɛ nnoɔma a Onyankopɔn nam n’adiyifoɔ kronkron anomu, firi teteete kaeɛ no nyinaa ananmu.


mommma wɔnnnane mo adwene ntɛm, na wɔnntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nwoma a wɔse ɛfiri yɛn nkyɛn no ho, sɛ ebia Awurade da no anya adu.


Na ɛno ansa na wɔbɛyi deɛ ɔnni mmara biara no adie, deɛ Awurade de n’anomu home bɛkum no na ɔde ne ba no pue bɛyi no hɔ koraa no.


saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu soɔ, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagyeɛ mu.


Hwɛ, ɔnam mununkum mu reba, na aniwa nyinaa bɛhu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no pea no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho bena. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios