Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 3:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Berɛ a na ɔtetare Petro ne Yohane ho no, ɔman no nyinaa de mmirika bɛhyiaa wɔn nkyɛn abrannaa a wɔfrɛ no Salomo deɛ no so, na wɔn ani so yɛɛ wɔn yaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Berɛ a na ɔtetare Petro ne Yohane ho no, ɔman no nyinaa de mmirika bɛhyiaa wɔn nkyɛn abrannaa a wɔfrɛ no Salomo deɛ no so, na wɔn ani so yɛɛ wɔn yaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Bere a nnipa no huu sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwiriw wɔn; enti wotuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛberɛ a nnipa no hunuu sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwirii wɔn; enti wɔtuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn, wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Bere a na ɔtetare Petro ne Yohane ho no, ɔman no nyinaa de mmirika behyiaa wɔn nkyɛn abrannaa a wɔfrɛ no Solomon de no so, na wɔn ani so yɛɛ wɔn yaa.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 3:11
9 Referencias Cruzadas  

Na wɔnam asomafoɔ no nsa so yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ pii ɔman no mu. Na wɔn nyinaa de akoma korɔ wɔ Salomo abrannaa so.


Na Yesu nenam asɔrefie Salomo abrannaa so.


Na ɔbarima no a ahonhommɔne firii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. Nanso Yesu gyaa no kwan sɛ:


Na wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, nnipa pii bɛhyiae, na wɔn adwene mu yɛɛ wɔn keserenee sɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa.


Na Yesu somaa Petro ne Yohane sɛ: Monkɔ nkɔsiesie Twam no mma yɛn, na yɛmmɛdi.


Adɛn nti na wode AWURADE din hyɛ nkɔm sɛ: Efie yi bɛyɛ sɛ Silo, na kuro yi bɛsɛe a obi rentena mu? Na ɔman no nyinaa bɛhyiaa AWURADE fie tiaa Yeremia.


Na ɔhunuu Petro ne Yohane sɛ wɔrekɔ asɔrefie hɔ no, ɔsrɛɛ mmɔborɔhunu adeɛ.


Na Petro ne Yohane de wɔn ani hwɛɛ no dinn kaa sɛ: Hwɛ yɛn!


Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios