Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 27:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Na wɔn a aka no deɛ, ebinom butubutuu ntaaboɔ so, na ebinom nso butubutuu suhyɛn nnua asinasini no bi so. Na sɛdeɛ ɛyɛeɛ na yɛn nyinaa nyaa nkwa sii fam ne no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

44 Na wɔn a aka no deɛ, ebinom butubutuu ntaaboɔ so, na ebinom nso butubutuu suhyɛn nnua asinasini no bi so. Na sɛdeɛ ɛyɛeɛ na yɛn nyinaa nyaa nkwa sii fam ne no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Wɔn a wɔaka no nso ntetare mmerɛte ne nnua asinasin a abubu fi hyɛn no mu no so nkɔ mpoano. Saa ɔkwan yi so na yɛnam beduu mpoano nohɔ dwoodwoo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Wɔn a aka no nso ntetare mmerɛte ne nnua asinasini a abubu firi hyɛn no mu no so nkɔ mpoano. Saa ɛkwan yi so na yɛnam bɛduruu mpoano nohoa dwoodwoo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 Na wɔn a aka no de, ebinom butubutuw ntaaboo so, na ebinom nso butubutuw suhyɛn nnua asinasin no bi so. Na sɛnea ɛyɛe na yɛn nyinaa nyaa nkwa sii fam ne no.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 27:44
8 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, mɛhyɛ na masɔne Israel fie so amanaman nyinaa mu, sɛdeɛ wɔsɔne adeɛ soɔ sɔneeɛ mu, nanso ayufua rentɔ fam.


Na afei metu mo fo sɛ momma mo bo ntɔ mo yam, na mo mu biara renhwere ne nkwa, gye suhyɛn yi nko na ɛbɛsɛe.


kaa sɛ: Paulo, nsuro! Ɛtwa sɛ wokɔgyina Kaesare anim; na hwɛ, Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo nam no nyinaa akyɛ wo.


Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ ɔha so panin ne asraafoɔ no sɛ: Sɛ yeinom antena hyɛn yi mu deɛ a, morennya nkwa.


Na sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛgye onipa tenenee a, ɛhe na deɛ ɔmfɛre Onyankopɔn ne ɔdebɔneyɛfoɔ bɛgyina?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios