Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 26:29 - New Revised Asante Twi Bible

29 Na Paulo se: Anka mepɛ Nyankopɔn fam sɛ, kakraa bi oo, bebree oo, ɛnyɛ wo nko, na mmom wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa nso nyɛ sɛ me ara, gye mpokyerɛ yi nko mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

29 Na Paulo se: Anka mepɛ Nyankopɔn fam sɛ, kakraa bi oo, bebree oo, ɛnyɛ wo nko, na mmom wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa nso nyɛ sɛ me ara, gye mpokyerɛ yi nko mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 Paulo buae se, “Sɛ nsɛm a mereka no ho hia anaa ɛho nhia no, me mpaebɔ ara ne sɛ, Onyankopɔn bɛma wo ne wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa asakra abɛyɛ sɛ me, gye nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu me yi nko ara.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 Paulo buaa sɛ, “Sɛ nsɛm a mereka no ho hia anaa ɛho nhia no, me mpaeɛbɔ ara ne sɛ, Onyankopɔn bɛma wo ne wɔn a wɔretie me ɛnnɛ yi nyinaa bɛsakyera abɛyɛ sɛ me, agye nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu me yi nko ara.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

29 Na Paulo se: Anka mepɛ Onyankopɔn fam sɛ aka kakraa oo, aka bebree oo, ɛnyɛ wo nko, na mmom wɔn a wotie me nnɛ yi nyinaa nso nyɛ sɛ me ara, gye mpokyerɛ yi nko mu.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 26:29
18 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene ho popoe, na ɔforo kɔɔ kuro pono so pia mu, na ɔsui. Na ɔrekorɔ no, sɛ ɔkaeɛ nie: Ao, me ba Absalom, me ba, me ba Absalom! Ɛkaa me nko a, anka mesii w’ananmu wui! Ao, Absalom, me ba, me ba!


Na ɔka kyerɛɛ n’awuraa sɛ: Aa, sɛ anka me wura wɔ odiyifoɔ a ɔwɔ Samaria no anim a, ɛnneɛ anka ɔbɛsa ne kwata yi ama no.


Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yɛnwuwu ne nsa ano, Misraim asase a na yɛtete nam nkukuo ho na yɛdidi meeɛ no so! Na moayi yɛn aba ɛserɛ yi so sɛ mode ɛkɔm rebɛkunkum asafo mu yi nyinaa.


Na sɛ moantie a, me kra bɛsu kokoam, mo ahantan nti, na m’ani afiri nisuo ara, na nisuo aporepore me, sɛ wɔafa AWURADE nnwankuo no nnommum mu.


Na Yeremia se: Wɔrenyi wo mma. Tie AWURADE ɛ, sɛdeɛ mereka makyerɛ woɔ yi, na asi wo yie, na wo kra anya nkwa.


Na Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Woretwe me ho ninkunu? Ɛkaa me nko a, anka AWURADE man nyinaa adanedane adiyifoɔ, na AWURADE de ne honhom agu wɔn so.


na me deɛ, mennye adanseɛ onipa bi nkyɛn, na meka yeinom, na moanya nkwa.


Anadwo no ara a Herode rebɛyi no akorɔ no, na Petro da asraafoɔ baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agu no, na awɛmfoɔ a wɔgyinagyina ɛpono ano rewɛn afiase no anibereɛ so.


Ɛnna ɔsafohene no kɔ kɔsɔɔ ne mu, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu ngu no, na ɔbisaa onipa ko a ɔyɛ, ne deɛ wayɛ.


Na wɔkyɛree hɔ nti, Festo kaa Paulo ho asɛm no kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Ɔbarima bi wɔ hɔ a Felike agya no mpokyerɛ mu;


Anuanom, m’akoma mu adeɛ a mepɛ, ne me nkoto a mekoto mesrɛ Onyankopɔn mema wɔn ne sɛ, wɔbɛnya nkwa.


Moawie mee dada, aane moawie mo ho nya, moakwati yɛn adi ahene. Sɛ modii ahene ampa a, anka ɛyɛ, na yɛn nso yɛne mo adi bi.


Na mepɛ sɛ anka nnipa nyinaa yɛ te sɛdeɛ meteɛ yi; nanso obiara wɔ ɔno ara n’adom akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn, obi deɛ te sei, obi nso deɛ yɛ adeɛ foforɔ.


Anka monhunu me nkwaseasɛm ma me kakra ɛ! Monte me aseɛ.


Ɛno ho bɔfoɔ na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na mayɛ mu nnam, sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mekasa.


Ɔno na yɛbɔ no dawuro, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ ankorɛnkorɛ biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde obiara bɛsi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios