Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 25:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnom wɔn, na ɔnsoma nkɔfa no mmra Yerusalem; na anka wɔatɛ no kwan so akum no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnom wɔn, na ɔnsoma nkɔfa no mmra Yerusalem; na anka wɔatɛ no kwan so akum no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Esiane sɛ na wɔabɔ Paulo ho pɔw sɛ wɔbɛtɛw no wɔ ɔkwan so akum no nti, wɔsrɛɛ no sɛ wɔmma wɔmfa no mmra Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Esiane sɛ na wɔabɔ Paulo ho pɔ sɛ wɔbɛtɛ no ɛkwan so akum no enti, wɔsrɛɛ no sɛ wɔmma wɔmfa no mmra Yerusalem.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na wɔpaa no kyɛw srɛɛ no sɛ ɔnnom wɔn, na ɔnsoma nkɔfa no mmra Yerusalem; na anka wɔatɛw no ɔkwan mu akum no.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 25:3
16 Referencias Cruzadas  

Ɔbɔnefoɔ, ntɛ ɔteneneeni fie, na nsɛe ne homebea.


Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Ɛnna mmapɔmma no kɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma wɔnkum ɔbarima yi ɛ, ɛfiri sɛ ɔde sei rema akofoɔ a wɔaka kuro yi mu ne ɔman no nyinaa nsam agogo, sɛ ɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn; na ɔbarima yi nyɛ deɛ ɔhwehwɛ asomdwoeɛ de ma ɔman yi, na mmom bɔne.


Na wɔbɛyɛ yeinom, ɛfiri sɛ wɔnnya nhunuu Agya no ne me.


kɔsrɛɛ ne nkyɛn nwoma sɛ ɔde rekɔ Damasko akɔ hyia adan mu, na sɛ ɔhunu nnipa bi saa gyidie kwan no mu a, mmarima oo, mmaa oo, ɔde wɔn homa mu aba Yerusalem.


Nanso Saulo tee wɔn agyina no. Na wɔwɛnee kuro no apono ano awia ne anadwo sɛ wɔbɛku no.


Na adɛn nti na yɛnka sɛ (sɛdeɛ wɔtwa to yɛn so, na ebinom ka sɛ, yɛse:) Momma yɛnyɛ bɔne, na papa mmra? Wɔbɛbu wɔn fɔ sɛdeɛ ɛfata.


Akwantuo pii mu, asubɔnten so asiane mu, adwotwafoɔ asiane mu, amannifoɔ mu asiane mu, amanaman mu asiane mu, kuro mu asiane mu, ɛserɛ so asiane mu, ɛpo so asiane mu, anuanom atorofoɔ mu asiane mu;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios