Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 24:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na mewɔ Nyankopɔn ho anidasoɔ a wɔn ara nso wɔhwɛ no kwan, sɛ owusɔreɛ a wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene bɛsɔre no bɛba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na mewɔ Nyankopɔn ho anidasoɔ a wɔn ara nso wɔhwɛ no kwan, sɛ owusɔreɛ a wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene bɛsɔre no bɛba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Mewɔ anidaso a saa nnipa yi nso wɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ da bi, nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa bɛsɔre afi owu mu no nso bi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Mewɔ anidasoɔ a saa nnipa yi nso wɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ da bi, nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa bɛsɔre afiri owuo mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na mewɔ Onyankopɔn ho anidaso a wɔn ankasa nso hwɛ no kwan, sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 24:15
16 Referencias Cruzadas  

Na wɔn a wɔadeda fam dɔteɛ mu no bebree bɛnyane, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohoradeɛ ne daa ahiyie mu.


Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


na woanya nhyira; ɛfiri sɛ wɔnni deɛ wɔde bɛtua wo so ka. Na ateneneefoɔ sɔreɛ mu na wɔbɛtua wo so ka.


Marta see no sɛ: Menim sɛ owusɔreɛ mu, da a ɛdi akyire no, ɔbɛsɔre.


gye asɛm baako yi a megyina wɔn mu no, meteaa mu mekaa sɛ: Awufoɔ sɔreɛ ho na morebu me atɛn nnɛ yi.


a ɔbɛsakyera yɛn ahobrɛaseɛ nipadua, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔde bɛtumi abrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’aseɛ no teɛ.


Nhyira ne kronkron ne deɛ ɔnya kyɛfa ɔsɔreɛ a ɛdi kan no mu. Saa nkurɔfoɔ no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Nyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ, na wɔne no bɛdi ahene mfirinhyia apem.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios