Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 23:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛ no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛ no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Mma wɔnnaadaa wo. Efisɛ mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam adi nsew sɛ wɔremfa hwee nka wɔn ano kosi sɛ wobenya Paulo akum no no bɛtetew no wɔ ɔkwan so. Nea wɔretwɛn ara ne sɛ wobɛma ho kwan.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Nanso, mma wɔnnaadaa wo. Ɛfiri sɛ, mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam, adi nse sɛ wɔremfa hwee nka wɔn ano kɔsi sɛ wɔbɛnya Paulo akum no no bɛtetɛ no wɔ ɛkwan so. Deɛ wɔretwɛn ara ne sɛ, wobɛma ho ɛkwan.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛw no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 23:21
11 Referencias Cruzadas  

Nni nnipa dodoɔ akyi nkɔyɛ bɔne, nanso nkasa asɛm bi mu nkom nkɔdi nnipa dodoɔ akyi nnane asɛm ani.


na wɔtɛɛ no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya n’anom asɛm bi.


na mede ahobrɛaseɛ adwene nyinaa ne nisuo pii, sɔhwɛ a ɛbaa me soɔ Yudafoɔ pɔ bɔne a wɔbɔɔ no me ho mu mesom Awurade.


Ɛnna ɔsafohene no gyaa aberanteɛ no kwan, na ɔhyɛɛ no sɛ: Nka nkyerɛ obiara sɛ woayi me asotire!


na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnom wɔn, na ɔnsoma nkɔfa no mmra Yerusalem; na anka wɔatɛ no kwan so akum no.


Na anka mepɛ sɛ wɔyi me ara firi Kristo ho, yɛ abusudeɛ ma me nuanom a honam fam wɔyɛ m’abusuafoɔ,


Akwantuo pii mu, asubɔnten so asiane mu, adwotwafoɔ asiane mu, amannifoɔ mu asiane mu, amanaman mu asiane mu, kuro mu asiane mu, ɛserɛ so asiane mu, ɛpo so asiane mu, anuanom atorofoɔ mu asiane mu;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios