Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 23:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na ɔsafohene no sɔɔ ne nsa, na ɔne no kɔɔ fa baabi, na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wowɔ ka kyerɛ me?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na ɔsafohene no sɔɔ ne nsa, na ɔne no kɔɔ fa baabi, na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wowɔ ka kyerɛ me?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔsahene no soo aberante no nsa de no kogyinaa nkyɛn baabi bisaa no se, “Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔsafohene no sɔɔ aberanteɛ no nsa de no kɔgyinaa nkyɛn baabi bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na ɔsafohene no soo ne nsa, na ɔne no kɔɔ fa baabi, na obisae sɛ: Dɛn na wowɔ ka kyerɛ me?

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 23:19
12 Referencias Cruzadas  

Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma woɔ? Na onifirani no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mehunu adeɛ!


Na Yesu sɔɔ ne nsa maa no so, na ɔsɔree.


Na ɔsɔɔ onifirani no nsa de no firii akuraa no ase, na ɔtee ntasuo guu n’ani so, de ne nsa guu ne so bisaa no sɛ: Wohunu adeɛ anaa?


Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamm da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn firii Misraim asase soɔ a wɔn deɛ, wɔbubuu m’apam, berɛ a meyɛ wɔn kunu no, AWURADE asɛm nie.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester sɛ: Susa ahenkuro mu na Yudafoɔ akunkum na wɔasɛe mmarima ahanum ne Haman mmammarima du no, na ɛdeɛn na wɔayɛ ɔhene nsase a aka no soɔ? Nanso ɛdeɛn ne deɛ wosrɛ na wɔmma wo, na ɛdeɛn ne deɛ woda so repɛ na wɔnyɛ?


Na ɔhene ka kyerɛɛ Ester da a ɛtɔ so mmienu no mu nso apontoɔ no ase sɛ: Ɛdeɛn ne w’adesrɛ, Ɔhemmaa Ester, na wɔmma wo, na ɛdeɛn ne w’adeɛ a worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔbɛyɛ.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ, Ɔhemmaa Ester? Na ɛdeɛn na worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔde bɛma wo.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdeɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpaeɛ,


Ɛnna asraafokuo no ne wɔn safohene ne Yudafoɔ asomfoɔ no sɔɔ Yesu mu, na wɔkyekyeree no,


Ɛnna wɔfaa no de no kɔɔ Areopago kaa sɛ: Wobɛtumi akyerɛ yɛn nkyerɛkyerɛ foforɔ yi ase?


Ɛnna ɔfaa no de no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kaa sɛ: Ɔdeduani Paulo frɛɛ me srɛɛ me sɛ memfa aberanteɛ yi mmra wo nkyɛn, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.


Na ɔse: Yudafoɔ apam sɛ wɔbɛsrɛ wo, na ɔkyena wode Paulo asiane aba edwam sɛdeɛ wɔrebɛbisa ne ho asɛm mu yie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios