Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 23:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Enti afei mo ne badwafoɔ nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛdeɛ morebɛbisa ne ho asɛm no mu yie; na yɛn deɛ, ansa na ɔbɛduru ha no, yɛbɛku no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Enti afei mo ne badwafoɔ nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛdeɛ morebɛbisa ne ho asɛm no mu yie; na yɛn deɛ, ansa na ɔbɛduru ha no, yɛbɛku no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Mo ne agyinatufo no nsoma nkɔ Roma ɔsafohene no nkyɛn nhyɛ da nka se, mopɛ sɛ mubisa nea Paulo ayɛ no mu yiye enti ɔmma wɔmfa no mmra mo anim. Ansa na wɔde no bedu hɔ no na yɛakum no dedaw.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Mo ne agyinatufoɔ no nsoma nkɔ Roma ɔsafohene no nkyɛn nhyɛ da nka sɛ, mopɛ sɛ mobisa Paulo deɛ wayɛ no mu yie. Nanso, ansa na wɔde no bɛduru hɔ no, na yɛakum no dada.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Enti afei mo ne baguafo nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛnea morebebisa ne ho asɛm no mu yiye; na yɛn de, ansa na obedu ha no, yebekum no.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 23:15
14 Referencias Cruzadas  

Na Yonadab ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔda wo mpa so, na patu yare; na sɛ w’agya bɛhwɛ wo a, ka kyerɛ no sɛ: Ma me nua Tamar mmra mmɛma me aduane, na ɔnyɛ aduane no m’anim nso, na menhunu, na menni no ne nsam.


Sɛ wɔbɔ wo ho pɔ bɔne na wɔsusu bɔne bi ho a, wɔrentumi nyɛ.


Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu, na wɔyɛ ntɛm hwie mogya gu.


Wɔn deɛ wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wɔntumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa;


Wɔn nan tutu mmirika kɔyɛ bɔne, na wɔyɛ ntɛm kɔhwie mogya a ɛdi bem gu; wɔn adwene yɛ abusudwene, ɔsɛeɛ ne obubuo wɔ wɔn atempɔn ho.


Ɛnna asraafokuo no ne wɔn safohene ne Yudafoɔ asomfoɔ no sɔɔ Yesu mu, na wɔkyekyeree no,


Na adeɛ kyeeɛ no, na ɔpɛɛ sɛ ɔhunu adekodeɛ a enti Yudafoɔ totoo n’ano no mu nokorɛ nti, ɔsanee no firii ne nkyehoma mu, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne wɔn badwafoɔ nyinaa mmra, na ɔmaa wɔde Paulo ba bɛgyinaa wɔn anim.


Na Paulo gyenee n’ani hwɛɛ abadwafoɔ no kaa sɛ: Anuanom, me deɛ, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn de abɛsi ɛnnɛ da yi.


Na Paulo hunuu sɛ nnipa no fa yɛ Sadukifoɔ, na ɔfa nso yɛ Farisifoɔ no, ɔteaa mu badwa mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifoɔ ba; awufoɔ sɔreɛ ne ɛho anidasoɔ nti na wɔrebu me atɛn yi.


na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnom wɔn, na ɔnsoma nkɔfa no mmra Yerusalem; na anka wɔatɛ no kwan so akum no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios