Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 22:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 na mehunuu no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma wo ho nyɛ hare na firi Yerusalem ntɛm, ɛfiri sɛ wɔrennye w’adanseɛ a wobɛdi no me ho no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 na mehunuu no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma wo ho nyɛ hare na firi Yerusalem ntɛm, ɛfiri sɛ wɔrennye w’adanseɛ a wobɛdi no me ho no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 mihuu Awurade wɔ anisoadehu mu na ɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛ ntɛm fi Yerusalem ha, efisɛ nnipa a wɔwɔ ha no rentie adanse a wudi fa me ho no.’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 mehunuu Awurade wɔ anisoadehunu mu na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛ ntɛm firi Yerusalem ha, ɛfiri sɛ, nnipa a wɔwɔ ha no rentie adanseɛ a wodi fa me ho no.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 na mihuu no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma wo ho nyɛ hare na fi Yerusalem ntɛm, efisɛ wɔrennye w’adanse a wubedi me ho no.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 22:18
7 Referencias Cruzadas  

Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo nsɛm no, mofiri efie anaa kuro no mu rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo.


Na sɛ wɔtaa mo kuro yi mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu; na nokorɛ mese mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.


Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ, na wɔn a wɔwɔ Yerusalem mfiri mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraa no, mommma wɔnnkɔ mu,


Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne,


Na ɔkasa kyerɛɛ Helenifoɔ no, na ɔne wɔn gyee akyinnyeɛ; na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔku no.


Menne me ho anaa? Menyɛ ɔsomafoɔ anaa? Menhunuu yɛn Awurade Yesu anaa? Ɛnyɛ m’adwuma Awurade mu ne mo anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios