Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 21:40 - New Revised Asante Twi Bible

40 Na ɔmaa no kwan no, Paulo gyinaa ntwedeɛ no so de ne nsa nyamm nkurɔfoɔ no; na wɔyɛɛ komm no, ɔde Hebri kasa ne wɔn kasaa sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

40 Na ɔmaa no kwan no, Paulo gyinaa ntwedeɛ no so de ne nsa nyamm nkurɔfoɔ no; na wɔyɛɛ komm no, ɔde Hebri kasa ne wɔn kasaa sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

40 Ɔsahene no maa Paulo kwan ma ogyinaa atrapoe no so nyamaa nnipa no. Wɔyɛɛ komm no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Arameike kasa mu se:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

40 Ɔsafohene no maa Paulo ɛkwan ma ɔgyinaa atwedeɛ no so nyamaa nnipa no. Wɔyɛɛ komm no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Arameike kasa mu sɛ:

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

40 Na ɔmaa no kwan no, Paulo gyinaa ntrapoe no so de ne nsa nyamaa nkurɔfo no; na wɔyɛɛ komm no, ɔde Hebri kasa san ne nne mu kae sɛ:

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 21:40
16 Referencias Cruzadas  

Na ɔde ne nsa nyamm wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano, na ɔkaa sɛdeɛ Awurade yii no firii afiase hɔ no kyerɛɛ wɔn. Na ɔse: Monkɔka nsɛm yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom no. Na ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.


Na yɛn nyinaa hwehwee aseɛ no, metee nne bi a ɛkasa kyerɛɛ me Hebri kasa mu sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me? Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛto ɔkafoɔ poma ano dadeɛ kotie.


Na wɔtee sɛ ɔrekasa Hebri kasa de kyerɛ wɔn no, wɔyɛɛ komm koraa. Na ɔse:


Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum.


Na ɔduruu ntwedeɛ no soɔ no, ɛbaa sɛ nkurɔfokuo no kitikiti nti, asraafoɔ no soaa no.


Afei nnipa bi pempemm Aleksandro sɛ ɔnkasa, ɛfiri sɛ ɔno na Yudafoɔ no de no adi wɔn anim. Na Aleksandro nyamm nkurɔfokuo no pɛɛ sɛ anka oyi n’ano kyerɛ nkurɔfoɔ no.


Na ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Armagedon.


Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bunu no mu bɔfoɔ a wɔfrɛ ne din wɔ Hebri kasa mu sɛ Abadon, na Hela kasa mu deɛ, ɔde Apolion.


Na Paulo sɔre gyinae, na ɔde ne nsa nyamm kaa sɛ: Israel mmarima ne mo a mosuro Onyankopɔn, montie!


Na nna no mu a asuafoɔ no redɔɔso no, huhuhuhu baa Helenifoɔ no mu tiaa Hebrifoɔ no sɛ wɔbu wɔn ani gu wɔn akunafoɔ so daa ɔhwɛ a wɔhwɛ wɔn no mu.


Saa atwerɛ yi na Yudafoɔ no mu pii kenkaneeɛ, ɛfiri sɛ, faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ bɛn kuro no; na wɔatwerɛ no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu.


Na ɔso n’asɛnnua firii adi kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraabea a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota.


Na Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu firii adi, na ɔbɛtenaa atemmuo adwa so baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Abo-sɛeɛ, na Hebri mu wɔfrɛ no Gabata.


Na atwerɛ bi nso wɔ n’atifi sɛ: Oyi ne Yudafoɔ hene.


Ɛnna wɔyɛɛ ntɛm yiyii wɔn ntadeɛ de hyehyɛɛ n’ase wɔn nan ase wɔ ntwedeɛ no ara soɔ, na wɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yehu adi hene!


na wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa tee, na wɔfrɛɛ asase no wɔn ara wɔn kasa mu sɛ Hakeldama, aseɛ ne Mogya Asase.)


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios