Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 21:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na Paulo buaa sɛ: Adɛn na moresu bubu m’akoma yi? Me deɛ, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti, ɛnyɛ ɛkyerɛ nko na wɔbɛkye me, na mpo mɛwu wɔ Yerusalem hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na Paulo buaa sɛ: Adɛn na moresu bubu m’akoma yi? Me deɛ, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti, ɛnyɛ ɛkyerɛ nko na wɔbɛkye me, na mpo mɛwu wɔ Yerusalem hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Osu a musu de rehyɛ me awerɛhow yi ase ne dɛn? Me de, masiesie me ho sɛ ɛnyɛ kyekyere a wɔbɛkyekyere me wɔ Yerusalem no na misuro, na sɛ etwa sɛ miwu ma Awurade Yesu a, mewu.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Osu a moresu de hyɛ me awerɛhoɔ yi ase ne sɛn? Me de masiesie me ho sɛ ɛnyɛ kyekyere a wɔbɛkyekyere me wɔ Yerusalem no na mesuro, na sɛ ɛtwa sɛ mewu mema Awurade Yesu a, mɛwu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na Paulo buae sɛ: Adɛn na moresu na mububu me koma yi? Me de, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti ɛnyɛ ɔkyere nko na wɔbɛkyere me, na mpo mewu Yerusalem hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 21:13
25 Referencias Cruzadas  

Na mmarima baasa no te faa Filistifoɔ nsraban no mu kɔsaa Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo de brɛɛ Dawid. Nanso Dawid ampɛ sɛ ɔnom, na ɔhwie gu maa AWURADE,


mohunuu deɛn nti na mopɛkyɛ me man na modwɛre mmɔborɔfoɔ anim? AWURADE, asafo AWURADE Nyankopɔn, asɛm nie.


Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn berɛ a Ankɔbeahene Nebusaradan agyaa no Rama no nie; ɔkɔfaa no baeɛ no, na wɔagu no nkɔnsɔnkɔnsɔn, Yerusalem ne Yuda atukɔfoɔ a wɔretu wɔn akɔ Babel no mu.


Mokyerɛ sɛn, sɛ mobu bɛ yi Israel asase so sɛ: Agyanom twɛre abunu, na mma se fem, a?


Ɛnna ɛhyɛn mu panin no kɔɔ Yona nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ: Worepɛ akyerɛ sɛn nti a wada hatee saa yi? Sɔre su frɛ wo nyame, sɛ ebia ɔbɛdwene yɛn ho na yɛantotɔ wɔ ha.


Na memfa yei menyɛ biribi, nanso memmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigyeɛ mawie me nanteɛ ne ɔsom a menyaa no Awurade Yesu nkyɛn sɛ menni Nyankopɔn adom asɛmpa no ho adanseɛ.


Na wɔn nyinaa suu pii, na wɔsosɔɔ Paulo kɔn fee n’ano.


Ɛnna wɔde anigyeɛ firii badwafoɔ no anim kɔeɛ sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.


Na me na mɛkyerɛ no amaneɛ pii a me din nti ɛsɛ sɛ ɔhunu.


Meka mo ho ahohoahoa a mewɔ no yɛn Awurade Kristo Yesu mu sɛ, mewu da biara.


Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidie som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurisie.


ɛfiri sɛ n’ani agyina mo nyinaa, na ne ho yera no, ɛfiri sɛ motee sɛ ɔyare.


Afei m’ani gye amaneɛ a mehunu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, deɛ aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no


na mekae wo nisuo a, ɛma m’ani gyina sɛ mɛhu woɔ, na anigyeɛ ayɛ me ma,


Na me deɛ, wɔanya rehwie me agu sɛ ahwiesa, na me berɛ a mede bɛsɔre ha ahi.


ɛfiri sɛ, menim sɛ pa a wɔbɛpa me ho ntomadan yi bɛba ntɛm so, sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo nso ayi akyerɛ me no.


Na wɔnam Adwammaa no mogya ne wɔn adanseɛ asɛm no so adi ne so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbɛwuo.


Ɛsiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm soɔ nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa soɔ, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase soɔ ahwɛ no, mu.


Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Hana, adɛn na wosu, na adɛn na wonnidie, na adɛn na wo bo nnwoɔ? Menyɛ memma wo nsene mmammarima du anaa?


Na Samuel kaa sɛ: Na ɛdeɛn ne nnwan su a ɛgu m’asom yi ne anantwie su a meteɛ yi?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios