Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 20:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na aberanteɛ bi a ne din de Eutiko te mpomma ano ada hatee, na ɛsiane sɛ Paulo kasa kyɛreeɛ nti, ɔtɔɔ nko firii aborɔsansa no so hwee ase, na wɔmaa no soɔ no, na wawu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na aberanteɛ bi a ne din de Eutiko te mpomma ano ada hatee, na ɛsiane sɛ Paulo kasa kyɛreeɛ nti, ɔtɔɔ nko firii aborɔsansa no so hwee ase, na wɔmaa no soɔ no, na wawu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Bere a Paulo rekasa no, na aberante bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retɔ nko. Ɔdaa hatee ma ofii abansoro dan a ɛto so abiɛsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa no so no na wawu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛberɛ a Paulo rekasa no, na aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retɔ nko. Ɔdaa hatee maa ɔfiri abansoro dan a ɛtɔ so mmiɛnsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa ne so no, na wawu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na aberante bi a ne din de Eutiko te mfɛnsere ano ada hatee, na esiane sɛ Paulo kasa kyɛe nti, ɔtɔɔ nko fii abansoro a ɛto so abiɛsa no so hwee ase, na wɔmaa no so no, na wawu.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 20:9
9 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo ba no brɛ me! Na ɔgyee no firii ne kokom de no kɔɔ abansoro pia a ɔte mu no mu, na ɔde no kɔtoo ne mpa so.


na wammɛfiri mo mpofirim ammɛhu mo sɛ moadeda.


Na ɛteaa mu, na ɛtwetwee no pii no, ɛfirii ne mu. Na ɔyɛɛ sɛ owufoɔ maa nnipa pii kaa sɛ: Wawu.


Na Yudafoɔ bi firi Antiokia ne Ikonium baa hɔ; na wɔbɛhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no kutupa, na wɔsii Paulo aboɔ no, wɔtwee no firii kuro no mu susuu sɛ wawu.


Na Paulo siane kɔbutuu ne so, na ɔyɛɛ no atuu kaa sɛ: Monnha mo ho, na nkwa da so ara wɔ ne mu.


Na nnawɔtwe mu da a ɛdi kan no a yɛhyiaa sɛ yɛrebubu paanoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, ɛfiri sɛ adeɛ kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kɔsii ɔdasuo mu.


Na nkanea bebree wɔ abansoro faako a yɛahyia mu hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios