Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 20:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na afei, hwɛ, menim sɛ mo a menam mo mu mekaa ahennie no ho asɛm no nyinaa renhunu m’anim bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Na afei, hwɛ, menim sɛ mo a menam mo mu mekaa ahennie no ho asɛm no nyinaa renhunu m’anim bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 “Minim sɛ mo a maka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm akyerɛ mo no mu biara renhu me bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 “Menim sɛ mo a maka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm akyerɛ mo no mu biara renhunu me bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na afei, hwɛ, minim sɛ mo a menam mo mu mekaa ahenni no ho asɛm no nyinaa renhu m’anim bio.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 20:25
13 Referencias Cruzadas  

Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahennie no abɛn.


Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei nti ɔtwerɛfoɔ biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahennie no te sɛ efiewura bi a ɔfiri n’agyapadeɛ mu yi nnoɔma foforɔ ne dada adie.


Ɛfiri saa berɛ no, Yesu firii aseɛ kaa asɛm sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn.


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu.


Mmara ne adiyifoɔ no bɛpem Yohane so; na ɛfiri ɛno soɔ no, wɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa, na obiara nam anibereɛ so kɔ mu.


Na Yesu see no sɛ: Ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ, na wo deɛ, kɔ na kɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛm!


Na deɛ ɛyɛɛ wɔn ya bebrebe ne asɛm a ɔkaa sɛ wɔrenhunu n’anim bio no. Na wɔkɔgyaa no kwan wɔ suhyɛn no mu.


kaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na ɔde nnam nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnoɔma a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho, na obiara ansi no kwan.


Na wɔgyee Filipo a ɔka Nyankopɔn ahennie ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no diiɛ no, mmarima ne mmaa no maa wɔbɔɔ wɔn asu.


Na afei, sɛ menni adwuma biara wɔ ha bio, na mfeɛ bebree na me kɔn dɔ sɛ meba mo nkyɛn nti,


Na Yudea asafo a wɔwɔ Kristo mu no nnim m’anim;


Na mepɛ sɛ mohunu aperepereɛ denden a medi no mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔnhunu m’anim ɔhonam mu nyinaa ho,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios