Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 20:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monim sɛdeɛ ɛfiri da a ɛdi kan a mebaa Asia no, me ne mo tenaa berɛ no nyinaa mu,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monim sɛdeɛ ɛfiri da a ɛdi kan a mebaa Asia no, me ne mo tenaa berɛ no nyinaa mu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Efi da a edi kan a mebaa Asia no, munim ɔkwan a mefaa so ne mo tenae.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a mebaa Asia no, monim ɛkwan a mefaa so ne mo tenaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munim sɛnea efi da a edi kan a mebaa Asia no, me ne mo tenae bere no nyinaa mu,

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 20:18
11 Referencias Cruzadas  

Na ɛbaa sɛ berɛ a Apolo wɔ Korinto no, Paulo kyinii amantifi asase so, na ɔbɛduruu Efeso; na ɔbɛtoo asuafoɔ bi no,


Na wɔbaa Efeso, na ɔgyaa wɔn hɔ; na ɔno ara deɛ, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ kɔyɛɛ nhwehwɛmu dendeenden.


Na saa adeɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ, tee Awurade asɛm.


Na wo deɛ, woadi me nkyerɛkyerɛ, me bra, me tirimbɔ, me gyidie, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ,


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanseɛ, sɛ yɛnam Nyankopɔn kronkronyɛ ne n’ahoteɛ mu, na ɛnyɛ honam mu nyansa mu, na mmom Nyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra wiase, ne titire no, mo ntam.


Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafoɔ Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafoɔ Tihiko ne Trofimo ka ne ho.


Na Paulo aka sɛ ɔbɛsiane Efeso ho, na wankɔkyɛre Asia; ɛfiri sɛ na ɔrepɛ ntɛm, na sɛ ɔbɛtumi a, wakɔduru Yerusalem Pentekoste da.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios