Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 2:46 - New Revised Asante Twi Bible

46 Na daa wɔde akoma korɔ hyiaa mu wɔ asɔrefie, na wɔbubuu paanoo afie mu de ahosan ne akoma kronn dii wɔn aduane,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

46 Na daa wɔde akoma korɔ hyiaa mu wɔ asɔrefie, na wɔbubuu paanoo afie mu de ahosan ne akoma kronn dii wɔn aduane,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

46 Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigye ne koma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afi mu. Wɔkamfoo Onyankopɔn, nyaa anuonyam wɔ nnipa anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

46 Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigyeɛ ne akoma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afie mu, kamfo Onyankopɔn, nya animuonyam wɔ nnipa anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

46 Na daa wɔde koma koro hyia mu wɔ asɔrefi, na wobubuu abodoo afi mu de ahosan ne koma kronn dii wɔn aduan,

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 2:46
25 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔdi sradenam na monnom nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ, na momfa ebi nkɔma wɔn a wɔnsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE anigyeɛ ne mo ahoɔden.


AWURADE, kyerɛ me wo kwan, mɛnante wo nokorɛ mu; ka m’akoma bom ma no nsuro wo din.


Kɔ na fa anigyeɛ kɔdi w’aduane, na fa akoma pa nom wo nsa, na Nyankopɔn ani asɔ wo nneyɛɛ dada.


Nipadua kanea ne ani. Enti sɛ w’ani yɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann.


Na hwɛ, deɛ ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔeɛ; ɛno na ne nyinaa ho bɛfiri ama mo.


Na ɛbaa sɛ ɔne wɔn te adidiiɛ no, ɔfaa paanoo hyiraa so, na ɔbubu de maa wɔn.


Na wɔwɔ asɔrefie hɔ daa yii Onyankopɔn ayɛ.


Na ɔde wɔn baa ne fie too wɔn pono, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adie nti, ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn.


Na wɔkura asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa ne paanoobubuo ne mpaebɔ mu ara.


Na nnawɔtwe mu da a ɛdi kan no a yɛhyiaa sɛ yɛrebubu paanoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, ɛfiri sɛ adeɛ kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kɔsii ɔdasuo mu.


Na ɛrekɔbɔ awia nnɔnmmiɛnsa a wɔbɔ mpaeɛ wɔ mu no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefie.


Na wɔteeɛ no, wɔkɔɔ asɔrefie ahemadakye kɔkyerɛkyerɛe. Na ɔsɔfo panin ne wɔn a wɔka ne ho no bae, na wɔfrɛɛ badwafoɔ ne Israel mma mpanimfoɔ nyinaa hyiae, na wɔsoma maa wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmra.


Na wɔannyae sɛ daa nyinaa wɔka asɛmpa no na wɔkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie ne afie mu sɛ Yesu ne Kristo no.


Sɛ ɔfotufoɔ a, ma no ntena n’afotuo mu ntu fo. Sɛ ademukyɛfoɔ a, ma no nyi ne yam nkyɛ adeɛ. Sɛ mpaninnie a, ma no mmɔ ho mmɔden. Sɛ mmɔborɔhunufoɔ a, ma no mfa animteɛ nyɛ.


Nhyira kuruwa a yɛhyira soɔ no nyɛ Kristo mogya no ayɔnkoyɛ anaa? Paanoo a yɛbubuo no nyɛ Kristo nipadua ayɔnkoyɛ anaa?


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanseɛ, sɛ yɛnam Nyankopɔn kronkronyɛ ne n’ahoteɛ mu, na ɛnyɛ honam mu nyansa mu, na mmom Nyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra wiase, ne titire no, mo ntam.


Nanso mesuro sɛ ebia, sɛdeɛ ɔwɔ no de n’aniteɛ bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afiri Kristo fam ahofama no ho.


Nkoa, momfa suro ne ahopopoɔ ntie mo honam fam wuranom asɛm mfiri mo akoma mu, sɛdeɛ moyɛ ma Kristo,


Na momma mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kuro apono mu, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔnni mo mu kyɛfa anaa agyapadeɛ.


na ɛhɔ na monnidi AWURADE mo Nyankopɔn anim, na mo ne mo afie ani nnye ade a mode mo nsa ka a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira woɔ no mu nyinaa.


Na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babaa ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi sɛ ne din ntena no;


Nkoa, montie mo honam fam wuranom asɛm nnoɔma nyinaa mu, ɛnyɛ anisoɔ som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom akoma kronn mu, sɛ wɔn a wɔsuro Awurade.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios