Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 2:45 - New Revised Asante Twi Bible

45 na wɔtɔn wɔn ahonyadeɛ ne wɔn nnoɔma, na wɔkyɛɛ mu maa wɔn nyinaa, sɛdeɛ ɛhia obiara.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

45 na wɔtɔn wɔn ahonyadeɛ ne wɔn nnoɔma, na wɔkyɛɛ mu maa wɔn nyinaa, sɛdeɛ ɛhia obiara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

45 Wɔtɔn wɔn ahode kyekyɛɛ sika a wonya fii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛnea ɛho hia obiara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

45 Wɔtɔn wɔn ahodeɛ kyekyɛɛ sika a wɔnya firii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ ɛho hia obiara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

45 na wɔtɔn wɔn ahonyade ne wɔn nneɛma, na wɔkyɛɛ mu maa wɔn nyinaa, sɛnea ehia obiara.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 2:45
20 Referencias Cruzadas  

Ɔto pete, ɔyɛ ahiafoɔ yie; ne tenenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, animuonyam mu.


Deɛ ɔhunu mmɔborɔni mmɔborɔ de fɛm AWURADE, na deɛ ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.


Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi!


Na me nso mese mo sɛ, momfa ahonyadeɛ a ɛntene no bi so nya nnamfoɔ, na sɛ ɛhia mo a, wɔagye mo akɔ daa afie no mu.


Na Yesu tee saa no, ɔsee no sɛ: Ɛda so ka wo adeɛ baako, kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi!


Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao, Awurade, mede m’ahodeɛ fa mekyɛ ahiafoɔ, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mebɔ ho mprɛnnan metua ka.


Na asuafoɔ no bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔn nyinaa mmaako mmaako de biribi bɛmane anuanom a wɔte Yudea no, sɛdeɛ wɔn mu biara bɛtumi, na wɔde ahwɛ wɔn.


Nanso na obiara nni wɔn mu a biribi hia no; na wɔn a wɔwɔ asase anaa adan tontɔnee, na wɔde deɛ wɔtɔneeɛ no tiri adeɛ bae


de bɛguu asomafoɔ no nan ase; na wɔkyekyɛɛ mu maa obiara sɛdeɛ ɛhia no.


Na ɛfa ahotefoɔ som no ho deɛ, ɛnhia sɛ metwerɛ mo;


sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔto pete, ɔde ma ahiafoɔ, ne tenenee no wɔ hɔ daa.


Na deɛ ɔwɔ wiase asetenadeɛ, na ɔhunu ne nua sɛ ahia no, na ɔbɔ no ayamuɔnwono no, Nyankopɔn dɔ no te ne mu sɛn?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios