Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 2:29 - New Revised Asante Twi Bible

29 Anuanom, momma me kwan na menka agya panin Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ mo, sɛ wawu, na wɔasie no, na ne da wɔ yɛn nkyɛn ha de bɛsi nnɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

29 Anuanom, momma me kwan na menka agya panin Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ mo, sɛ wawu, na wɔasie no, na ne da wɔ yɛn nkyɛn ha de bɛsi nnɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 “Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panyin Dawid ho. Owui na wosiee no, na ne nna da so wɔ hɔ besi nnɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 “Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panin Dawid ho. Ɔwuiɛ na wɔsiee no, na ne damena da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

29 Anuanom, momma me kwan na menka agya panyin Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ mo, sɛ wawu, na wɔasie no, na ne damoa wɔ yɛn nkyɛn ha de besi nnɛ.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 2:29
8 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Dawid tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro mu.


Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Betsur ɔmansin fa so safohene, bɛtoa miamiaa mu de kɔsii Dawid adamena ntentensoɔ ne ɔtareɛ a wɔyɛeɛ no ho ara de kɔsii nnɔmmanin fie.


Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ;


Wokyerɛɛ me nkwa akwan; wode w’anim bɛma abotɔyam amee me.


sɛdeɛ ɔsɔfo panin nso ne mpanimfoɔ nyinaa di me adanseɛ no. Wɔn nkyɛn nso na mekɔgyee nwoma sɛ mede merekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ merekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehoma mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.


Na ɔhene a mede nnam meka mekyerɛ no yi nim nsɛm yi mu; na megye medi sɛ yeinom biara nhuntaa no, ɛfiri sɛ wɔanyɛ yei kokoa mu.


Na monhwɛ onipa yi a agya panin Abraham maa no asadeɛ no so ntotosoɔ du du no so a ɔso!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios