Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 2:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 ɛfiri sɛ worennya me kra Asamando, na woremma wo Kronkronni no nhunu porɔeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 ɛfiri sɛ worennya me kra Asamando, na woremma wo Kronkronni no nhunu porɔeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Efisɛ worennyaw me awufo mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔw.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 efisɛ worennyaw me kra Asamando, na woremma wo kronkronni no nhu porɔw.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 2:27
26 Referencias Cruzadas  

Owuo nhoma kyekyeree me, na Asamando ahohia too me, mehunuu ahodwan ne awerɛhoɔ.


Na worennya me kra Asamando, woremma wo hoteni nhunu Amena mu porɔeɛ.


Na me kra deɛ, Onyankopɔn bɛgye no Asamando nsam, na ɔbɛgye me.


sɛ w’adɔeɛ so wɔ me soɔ, na woayi me kra afiri Asamando bunu mu.


Da bi wokasaa anisoadehunu mu kyerɛɛ w’ahotefoɔ sɛ: Madi maboa ɔbarima bi, mama obi a wɔayi no firi ɔman no mu so.


Mesiane mekɔɔ mmepɔ nhini ho, mekɔɔ Asamando, na wɔtoo me twenee koransan, nanso wo AWURADE me Nyankopɔn woyii me firii Amena mu.


Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando; ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no wo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Sodom a, anka ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.


Ɛdeɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo nipa ban, Onyankopɔn Hoteeni no.


Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba.


Na ɔmaa n’ani soɔ wɔ Asamando no, na ɔwɔ aninyanneɛ mu, na ɔhunuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ ɔtwere ne kokom.


Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ Mose mmara ne Adiyifoɔ ne Nnwom mu, wɔ me ho no nyinaa ba mu.


sɛ: Mmɛha yɛn! Ɛdeɛn na yɛne wo Nasareni Yesu wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim nipa ko a woyɛ, wone Onyankopɔn ne kronkronni no.


Yesu kaa sɛ: Monyi ɔboɔ no! Deɛ wawuo no nua Marta see no sɛ: Awurade, sɛsɛɛ deɛ, wabɔn, na wadi nnanan.


Yei nti m’akoma tɔɔ me yam, na me tɛkyerɛma ho sanee no; na me honam nso bɛda anidasoɔ mu,


Wokyerɛɛ me nkwa akwan; wode w’anim bɛma abotɔyam amee me.


ɔhunuu yei siee, na ɔkaa Kristo sɔreɛ ho asɛm sɛ wɔannya no Asamando, nanso ne honam anhunu porɔeɛ.


Na mopoo Ɔkronkronni ne Ɔteneneeni no, na mosrɛɛ sɛ wɔmfa owudifoɔ nkyɛ mo.


Na wɔhyiae ampa tiaa w’abɔfra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,


ntɛm so, mpofirim, totorobɛnto a ɛdi akyire no hyɛn mu; na wɔbɛhyɛn totorobɛnto na awufoɔ no anyane sɛ wɔn a wɔmporɔɔ da, na yɛn deɛ yɛbɛsakyera.


O, owuo, wo nkonim wɔ he? Owuo, wo nwowɔeɛ wɔ he?


Na mo deɛ, moanya ngosra no firi Ɔkronkronni no hɔ, na mo nyinaa nim de.


ne deɛ ɔte aseɛ no. Na mewui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mekura Owuo ne asamando nsafoa.


Na ɛpo yii n’awufoɔ a ɛwɔ mu no mae, na Owuo ne Asamando yii awufoɔ a ɛwɔ mu no nso mae, na wɔbuu wɔn mu biara atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.


Na Filadelfia asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni, ɔnokwafoɔ no, deɛ ɔkura Dawid safoa, na ɔhini a obi nto mu, na ɔto mu, a obi nhini no, seɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios