Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 19:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Nanso wɔhunuu sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa de nne korɔ teaa mu bɛyɛ nnɔnhwereɛ mmienu sɛ: Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

34 Nanso wɔhunuu sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa de nne korɔ teaa mu bɛyɛ nnɔnhwereɛ mmienu sɛ: Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Dɔm no huu sɛ Aleksandro yɛ Yudani no, wɔteɛteɛ mu nnɔnhwerew abien se, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Ɛdɔm no hunuu sɛ Aleksandro yɛ Yudani no pɛ, wɔteateaam nnɔnhwere mmienu sɛ, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

34 Nanso wohui sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa de nne koro teɛɛm bɛyɛ nnɔnhwerew abien sɛ: Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse!

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 19:34
10 Referencias Cruzadas  

Na wɔfaa nantwinini a wɔde maa wɔn no, na wɔsiesiee; na wɔbɔɔ Baal din firii anɔpa kɔsii awigyina sɛ: Baal, gye yɛn so! Nso wɔante nne biara, na obiara nso annye so. Na wɔhurihuri twaa afɔrebukyia a wɔyɛeɛ no ho hyiae.


Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfoɔ; na wɔsusu sɛ wɔn kasa tentene nti wɔbɛtie wɔn!


na wɔde wɔn kɔmaa asafohene sɛ: Nnipa yi yɛ Yudafoɔ a wɔretane yɛn kuro yi ani,


Ɛne sɛ, dwetɛdwumfoɔ bi a ne din de Demetrio a ɔde dwetɛ yɛ Artemi asɔredan nsɛsoɔ ma adwumfoɔ nya mfasoɔ kɛseɛ


Na mohunu, na mote aseɛ sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛrekame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfoɔ bebree aso, adane wɔn ani, ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame.


Na wɔteeɛ no, wɔn bo fui pa ara, na wɔteateaa mu sɛ: Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ!


Afei nnipa bi pempemm Aleksandro sɛ ɔnkasa, ɛfiri sɛ ɔno na Yudafoɔ no de no adi wɔn anim. Na Aleksandro nyamm nkurɔfokuo no pɛɛ sɛ anka oyi n’ano kyerɛ nkurɔfoɔ no.


Na ɔtwerɛfoɔ no pataa nkurɔfokuo no sɛ: Efesofoɔ, onipa bɛn mpo na ɔnnim sɛ Efesofoɔ kuro yɛ Artemi kɛseɛ asɔrefie ne ohoni a ɛfiri Seus bɛduruiɛ so hwɛfoɔ?


Wo a wose wɔnnsɛe awadeɛ no, ɛnna wosɛe awadeɛ yi? Wo a wokyiri ohoni no, ɛnna wofom asɔrefie nnoɔma yi?


Na wɔkotoo ɔtweaseɛ no sɛ ɔde tumi ama aboa no, na wɔkotoo aboa no kaa sɛ: Hwan na ɔte sɛ aboa no? Na hwan na ɔbɛtumi ne no ako?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios