Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 19:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na mohunu, na mote aseɛ sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛrekame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfoɔ bebree aso, adane wɔn ani, ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na mohunu, na mote aseɛ sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛrekame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfoɔ bebree aso, adane wɔn ani, ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Mo ara moahu na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka se anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adan nnipa bebree adwene wɔ Efeso ha ne Asia nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Mo ara moahunu, na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka sɛ, anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adane nnipa bebree adwene wɔ Efeso ha ne Asia nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na muhu, na mote ase sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛkame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfo bebree aso adan wɔn ani ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 19:26
23 Referencias Cruzadas  

Sɛdeɛ monka nkyerɛ wɔn nie: Abosom a ɛnyɛ wɔn na wɔbɔɔ soro ne asase no bɛyera afiri asase so ne soro ase.


Na Israel mu na ɛno fire; odwumfoɔ na ɔyɛeɛ, ɛnyɛ Onyame ne no, na Samaria nantwie no, wɔbɛbubu no pasaa.


Mmarima, adɛn na moreyɛ yeinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnane mfiri ahuhudeɛ yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.


Na ɛnam sɛ yɛyɛ Nyankopɔn abusua nti, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Nyankopɔn tebea te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔboɔ, adwini a onipa de ne nyansa ne n’adwene adie.


Na wɔbaa Efeso, na ɔgyaa wɔn hɔ; na ɔno ara deɛ, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ kɔyɛɛ nhwehwɛmu dendeenden.


Na ɛbaa sɛ berɛ a Apolo wɔ Korinto no, Paulo kyinii amantifi asase so, na ɔbɛduruu Efeso; na ɔbɛtoo asuafoɔ bi no,


Na saa adeɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ, tee Awurade asɛm.


boaa wɔne wɔn a wɔyɛ adwuma yi bie no ano kaa sɛ: Awuranom, monim sɛ adwinnie yi mu na yɛnya yɛn ho.


Monim sɛ akane no a na moyɛ abosonsomfoɔ no, momaa wɔde mo faa ɔkwan biara so kɔɔ abosom mum nkyɛn.


Na abosom afɔrebɔdeɛ die ho deɛ, yɛn deɛ yɛnim sɛ, ɔbosom nyɛ hwee wɔ wiase, ɛfiri sɛ, onyame biara nni hɔ sɛ ɔbaako no ara.


Nanso ɛberɛ a monnim Onyankopɔn no, mosom wɔn a wɔn su mu wɔnyɛ anyame no sɛ nkoa.


na ɛhɔ na mobɛsom anyame a ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, nnua ne aboɔ a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛnnidie na ɛnhua adeɛ nhwɛ no.


Na nnipa a wɔwɔ mantam hɔ no ara ka gye a mogyee yɛn too mu, ne sɛdeɛ modane firii ahoni ho aba Nyankopɔn nkyɛn, sɛ mobɛsom Onyankopɔn teasefoɔ nokwafoɔ,


Na nnipa a aka a wɔankum wɔn wɔ ɔhaw ahodoɔ yi mu no ansakyera wɔn adwene amfiri wɔn nneyɛɛ ho, sɛ wɔrensɔre ahonhommɔne ne sika, ne dwetɛ, ne yaawa, ne aboɔ, ne dua honi a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm nanso ɛntumi nnanteɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios