Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 19:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto kɔɔ Makedonia, na ɔno ara deɛ ɔkyɛree wɔ Asia kakra.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto kɔɔ Makedonia, na ɔno ara deɛ ɔkyɛree wɔ Asia kakra.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ nʼaboafo no dii nʼanim kan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛɛ kakra.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ nʼaboafoɔ no dii nʼanim ɛkan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛɛ kakra.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto, kɔɔ Makedonia, na ɔno ankasa de, ɔkyɛe Asia kakra.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 19:22
18 Referencias Cruzadas  

Na wɔduruu Salami no, wɔkaa Nyankopɔn asɛm Yudafoɔ hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ.


Na Paulo kɔduruu Derbe ne Listra nso, baabi a na osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani baa bi a ɔyɛ gyidini ba, nanso n’agya yɛ Helani.


Ɔno na Paulo pɛɛ sɛ ɔne no korɔ, na Yudafoɔ a wɔwɔ fa mu hɔ no nti, ɔfaa no twaa no twetia, ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa nim sɛ n’agya yɛ Helani.


Na Silas ne Timoteo firi Makedonia baeɛ no, Paulo de nnam kaa asɛm no na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ sɛ Yesu ne Kristo no.


Na saa adeɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ, tee Awurade asɛm.


Na wɔwiee yeinom no, Paulo bɔɔ ne tiri mu sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ɔse: Meduru hɔ a, akyire yi ɛtwa sɛ mekɔhunu Roma nso.


Na basabasa hyɛɛ kuro no ma, na wɔde adwenkorɔ bɔɔ kirididi kɔɔ ahwɛeɛ kɔkyeree Makedoniafoɔ Gaio ne Aristarko a wɔne Paulo nam no.


Na gyegyeegye no gyaeeɛ no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔtuu wɔn fo kraa wɔn firii hɔ sɛ, ɔrekɔ Makedonia.


Mo ara monim sɛ, deɛ ɛhiaa me ne wɔn a wɔka me ho no, me nsa yi ano adwuma na mede menyaeɛ.


Gaio a ɔyɛ me ne asafo no nyinaa fiewura kyea mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne onua Kwarto kyea mo.


na mabɛfa mo nkyɛn makɔ Makedonia, na masane mafiri Makedonia maba mo nkyɛn bio, na moagya me kwan ma makɔ Yudea.


Na mewɔ mo nkyɛn na ɛhiaa me no, manyɛ obiara so adesoa. Na deɛ ɛhiaa me no, anuanom a wɔfiri Makedonia baeɛ no maa me nsa kaeɛ; na nnoɔma nyinaa mu, mehwɛɛ me ho, na mɛhwɛ no saa ara, na manyɛ adesoa mamma mo.


mannya honhom mu ahomeka, ɛfiri sɛ manhunu me nua Tito; enti mekraa wɔn mefirii hɔ mekɔɔ Makedonia.


Nanso, anuanom, yɛrema moahunu Nyankopɔn adom a wɔde adom Makedonia asafo no,


na ɛnyɛ yei nko ara, na ɔno na asafo no ayi no sɛ ɔne yɛn nnante nkura adɔeyɛ a yɛsom ho yi mu, mma Awurade no ara animuonyam, na ɛnkyerɛ yɛn mmɔdemmɔ kɛseɛ no.


Ɛfiri sɛ, ɛfiri mo mu na Awurade asɛm no hyetaeɛ, ɛnyɛ Makedonia ne Akaia nko, na mmom mo gyeɛ a mogye Onyankopɔn die no atrɛ aduru mmaa nyinaa, enti ɛmma no nhia yɛn sɛ yɛka ho asɛm biara.


Erasto kaa Korinto, na megyaa Trofimo wɔ Mileto a na ɔyare.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios