Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 19:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na wɔn a na wɔyɛ asumanneɛ no mu bebree de wɔn nwoma ba bɛhyee no wɔ nnipa nyinaa anim; na wɔbuu ne boɔ ano hunuu sɛ ɛsi nnwetɛbena ɔpeduonum.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na wɔn a na wɔyɛ asumanneɛ no mu bebree de wɔn nwoma ba bɛhyee no wɔ nnipa nyinaa anim; na wɔbuu ne boɔ ano hunuu sɛ ɛsi nnwetɛbena ɔpeduonum.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Wɔn mu nkonyaayifo pii de wɔn nkonyaayi nhoma ba maa wɔhyew wɔ nnipa no nyinaa anim. Wobuu nhoma a wɔhyew no bo no na ɛyɛ nnwetɛbona mpem aduonum.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Wɔn mu nkonyaayifoɔ pii de wɔn nkonyaayie nwoma baeɛ maa wɔhyee wɔ nnipa no nyinaa anim. Wɔbuu nwoma a wɔhyeeɛ no boɔ no na ɛyɛ nnwetɛbena ɔpeduonum.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na wɔn a na wɔyɛ asumanne no mu bebree de wɔn nhoma bae bɛhyewee wɔ nnipa nyinaa anim; na wobuu ne bo ano hui sɛ esi nnwetɛbona ɔpeduonum.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 19:19
23 Referencias Cruzadas  

Ɛnna wɔde wɔn anyame ananafoɔ a ɛwɔ wɔn nsam nyinaa ne wɔn aso mu nkaa maa Yakob, na ɔde siee dupɔn bi a ɛwɔ Sekem ho no ase.


Na Saulo wui ne fom a ɔfom AWURADE no, ne AWURADE asɛm a wanni soɔ no, ne sɛ nso ɔkɔbisaa samanfrɛni hɔ adeɛ hwehwɛɛ n’akyiri kwan.


Na ɔde ne mma bɔɔ afɔdeɛ ogya mu Hinom ba bonhwa no mu, na ɔdii abayisɛm, bisaa adeɛ, yii ntafowa, na ɔyɛɛ asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne bebree pa ara de huruu ne bo.


Na ɔfaa nantwie ba a wɔyɛeɛ no de gya hyee, na ɔyam no muhumuhu de petee nsuo ani maa Israelfoɔ no nomee.


Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafoɔ ne ntafowayifoɔ bae. Na Misraim akɔmfoɔ no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara.


Na Misraim akɔmfoɔ de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara. Na Farao akoma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Na mobɛgu mo dwetɛ ahoni nnuraho ne mo sika agudeɛ nkataho no ho fi. Wobɛto agu sɛ nsabutam, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Firi hɔ!


Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mommisa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ a wɔde nnomaa su ne asutuo kasa no a, ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wɔbisa ne hɔ adeɛ anaa? Awufoɔ hɔ na wɔmmisa adeɛ mma ateasefoɔ?


Ɛnna ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene daeɛ no. Na wɔba bɛgyinaa ɔhene anim.


Na ɔnhye ntoma no, sɛ nsa no anaa mfa no oo, anaa kuntu anaa asaawa anaa nwoma adeɛ biara mu na ntotɔeɛ no wɔ oo, ɛfiri sɛ ɛyɛ kwata a ɛsɛe adeɛ. Ogya na wɔmfa nhyeɛ.


Saa ara nso na mo mu biara a ɔnnya deɛ ɔwɔ nyinaa hɔ ntumi nyɛ me suani.


Anaasɛ ɔbaa bɛn na ɔwɔ nnwetɛbena du, na emu baako yera a, ɔrensɔ kanea, na ɔmpra ɛdan no mu, na ɔnhwehwɛ yie nkɔsi sɛ ɔbɛhunu?


Na wɔtwaa mu supɔ no so kɔduruu Pafo no, wɔhunuu osumanni odiyifoɔ torofoɔ bi a ɔyɛ Yudani a ne din de Bar-Yesu.


Na osumanni Elima no (nso sɛdeɛ ne din nkyerɛaseɛ teɛ ara ne no) sii wɔn kwan, na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔdane amrado no firi gyidie no ho.


Na wɔn a wɔagye adie no mu pii ba bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn nkokoam nsɛm.


Na momaa nneduafoɔ amaneɛ kaa mo, mode anigyeɛ nso penee mo nnoɔma fom sɛ monim sɛ mowɔ ahodeɛ a ɛyɛ kyɛne soɔ ɔsoro a ɛtena hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios