Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 19:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Ɛnna Yudafoɔ bi a wɔnam kyini tutu ahonhommɔne no mu binom sii wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din wɔ wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne so sɛ: Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no gu mo so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Ɛnna Yudafoɔ bi a wɔnam kyini tutu ahonhommɔne no mu binom sii wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din wɔ wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne so sɛ: Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no gu mo so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Yudafo bi a wɔnam asumansɛm so tu ahonhommɔne pɛɛ sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahonhommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahonhommɔne no se, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no sɛ, muntu mfi ne mu!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Yudafoɔ bi a wɔnam asumansɛm so tu ahonhommɔne pɛɛ sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahonhommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahonhommɔne no sɛ, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no sɛ, montu mfiri ne mu!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Ɛnna Yudafo bi a wɔnam kyini tutu ahonhommɔne no mu binom sii wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne so sɛ: Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no gu mo so.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 19:13
15 Referencias Cruzadas  

Sɛ wodɔ asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbaeɛ bio na wobɛyɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so.


Hwɛ, woapamo me nnɛ afiri asase yi so, na mɛhunta mafiri w’anim, na mayɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so, na obiara a ɔbɛhu me no, ɔbɛku me.


Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mprɛ ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm bi sɛ nokorɛ nko AWURADE din mu?


na ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ, na wɔmfiri wɔn amamfo so nkɔhwehwɛ aduane.


Na sɛ me, mede Beelsebul na metu ahonhommɔne a, na mo mma de hwan na ɛtu wɔn? Yei nti wɔbɛyɛ mo atemmufoɔ.


Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn!


na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba wɔ yɛ? Medɔ Onyankopɔn sɛ: Nha me!


Na Yohane see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛahunu obi sɛ ɔde wo din retu ahonhommɔne, na yɛbaraa no, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn akyi.


Na sɛ menam Beelsebul so na metu ahonhommɔne a, hwan so na mo mma nam tu wɔn? Enti wɔbɛyɛ mo atemmufoɔ.


Na Yohane buaa sɛ: Owura, yɛhunuu sɛ obi de wo din retu ahonhommɔne; na yɛbaraa no, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔne yɛn na ɛnam.


Yudani sɔfo panin Skewa mma baason bi na wɔyɛɛ saa.


Na sɛ obi ba bɛka Yesu foforɔ bi ho asɛm a yɛnkaeɛ, anaasɛ monya honhom foforɔ a monnyaeɛ, anaasɛ asɛmpa foforɔ a monnyeeɛ a, mogye to mu ntɛm so!


Na Yosua kaa ntam saa berɛ no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekyere Yeriko kuro yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ aseɛ, na ɔde ne ba akumaa na ɛbɛsisi ano apono.


Na ɛdenee Israel mmarima da no; na Saulo kaa ɔman no ntam sɛ: Nnome nka obiara a ɔbɛdidie ansa na onwunu adwoɔ, na mentɔ m’atamfoɔ so were. Enti ɔman no mu, obiara amfa aduane anka n’ano.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios