Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 18:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Oyi na wɔakyerɛkyerɛ no Awurade kwan soɔ; na ɔyɛ hye honhom mu nti, ɔkasae, na ɔkyerɛkyerɛɛ Yesu ho nsɛm yie, nso Yohane asubɔ nkutoo na na ɔnim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Oyi na wɔakyerɛkyerɛ no Awurade kwan soɔ; na ɔyɛ hye honhom mu nti, ɔkasae, na ɔkyerɛkyerɛɛ Yesu ho nsɛm yie, nso Yohane asubɔ nkutoo na na ɔnim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Esiane sɛ na wɔnam Awurade kwan so akyerɛkyerɛ no nti, na ɔde nnam kasa kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛfa Yesu ho no. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na onim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Esiane sɛ na wɔnam Awurade ɛkwan so akyerɛkyerɛ no enti, na ɔde nnam kasa, kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛfa Yesu ho no. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na ɔnim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Oyi na wɔakyerɛkyerɛ no Awurade kwan so; na ɔyɛ hyew Honhom mu nti, ɔkasa na ɔkyerɛkyerɛ Yesu ho nsɛm yiye, nso Yohane asubɔ nkutoo na onim.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 18:25
27 Referencias Cruzadas  

Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fiefoɔ a ɛbɛdi n’akyire sɛ wɔnni AWURADE kwan so nyɛ tenenee ne atɛntenenee adeɛ, na AWURADE ama deɛ waka no Abraham ho no aba ne so.


Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ, na wɔnam AWURADE mmara soɔ.


Na ma wɔnhunu w’akwan wɔ asase so, wo nkwagyeɛ amanaman nyinaa mu.


Obi nne team sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, wɔ ɛserɛ so, montene anwea pradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Monkɔgyina akwan so na monhwɛ, na mommisa tete atempɔn no, deɛ ɔkwan pa no wɔ, na momfa so, na monnya home mma mo kra. Nanso wɔse: Yɛremfa so.


Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu, nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na ateneneefoɔ bɛnante so, na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.


Obi nne reteam ɛserɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn ntene!


Na wɔbaeɛ no, wɔsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ na wonhwehwɛ biribi mfiri obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare, anaasɛ wɔnyi? Yɛntua anaasɛ yɛnntua?


na woahunu sɛ nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ woɔ no yɛ nokorɛ.


(Na nkurɔfoɔ a wɔteeɛ nyinaa ne togyefoɔ gyee Onyankopɔn nnwuma too mu maa wɔde Yohane asubɔ no bɔɔ wɔn asu;


kaa sɛ: Wo a nnaadaa ne mmusuo nyinaa ayɛ wo ma, ɔbonsam ba, tenenee nyinaa tamfo, worennyae Awurade kwan a ɛtene no konton anaa?


Ɔno na ɔdii Paulo ne yɛn akyiri teaa mu sɛ: Nnipa yi ne Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no nkoa a wɔkyerɛ mo nkwagyeɛ kwan.


Ɔfirii aseɛ de akokoɔduro kasaa hyiadan mu. Na Priskila ne Akwila teeɛ no, wɔfaa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ.


Ɛberɛ no ara mu sakasaka a ɛbaa Ɔkwan no ho nyɛ adewa.


Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn mu na wɔbɔɔ mo asu hyɛeɛ? Na wɔse: Yohane asubɔ mu.


Nanso na ebinom akoma yɛ den, na wɔntie, na wɔkasa Ɔkwan no ho bɔne nnipakuo no anim nti, ɔgyaa wɔn hɔ yii asuafoɔ no firii wɔn mu, na ɔkasaa wɔ obi a ɔde Tirano suadan mu daa.


kɔsrɛɛ ne nkyɛn nwoma sɛ ɔde rekɔ Damasko akɔ hyia adan mu, na sɛ ɔhunu nnipa bi saa gyidie kwan no mu a, mmarima oo, mmaa oo, ɔde wɔn homa mu aba Yerusalem.


Monnyɛ mmɔdemmɔ mu nyaa, monyɛ honhom mu hye, monsom Awurade!


Obi nkɔ ɔsa mfa daadaa asetena mu nsɛm mmarebare ne ho, na wasɔ ɔsahene ani.


Monkeka mo mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na momommɔ mpaeɛ mmema mo ho mo ho, na wɔasa mo yadeɛ. Onipa tenenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ nnoɔma bebree.


na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ sɛ wɔbɛhwɛ AWURADE kwan no anante so, sɛdeɛ wɔn agyanom hwɛeɛ no anaasɛ wɔrenhwɛ.


me nso, ɛmpare me sɛ mɛgyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo kwan pa a ɛtene no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios