Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 18:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na ɔsii fam wɔ Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo no, na ɔsane kɔɔ Antiokia.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na ɔsii fam wɔ Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo no, na ɔsane kɔɔ Antiokia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Oduu Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kokyiaa asafo no fii hɔ kɔɔ Antiokia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Ɔduruu Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo no firii hɔ kɔɔ Antiokia.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na osii fam Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kokyiaa asafo no, na ɔsan kɔɔ Antiokia.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 18:22
16 Referencias Cruzadas  

Na Filipo deɛ, ɔkɔfirii Asoto; na ɔretwa mu no, ɔkaa asɛmpa no nkuro no nyinaa mu de kɔsii sɛ ɔduruu Kaesarea.


Na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ ani nti, ɔbisaa Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem, na wɔabu wo nnoɔma yi ho atɛn m’anim wɔ hɔ?


Na afei Festo baa ne man a ɔdi so amrado no mu, na nnansa akyiri no, ɔfiri Kaesarea kɔɔ Yerusalem.


Na ɔfrɛɛ asraafoɔ ɔha so mpanimfoɔ no mu baanu bi kaa sɛ: Monsiesie asraafoɔ ahanu na wɔnkɔ Kaesarea, ne apɔnkɔfoɔ aduɔson, ne mpɛmɛtofoɔ ahanu, anadwo bɛyɛ nnɔnkron berɛ mu.


Na Paulo ne Barnaba ne nnipa pii a wɔka wɔn ho nso tenaa Antiokia kyerɛkyerɛe, na wɔkaa Awurade asɛmpa no.


Na afei wɔgyaa wɔn kwan no, wɔbaa Antiokia; na wɔmaa asafo no hyiaeɛ no, wɔyii nwoma no mae.


na wɔtwerɛɛ nwoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafoɔ ne anuanom mpanimfoɔ no kyea anuanom a wɔfiri amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no.


Na wɔduruu Yerusalem no, asafo no ne asomafoɔ ne mpanimfoɔ no gyee wɔn, na wɔkaa deɛ Onyankopɔn de wɔn ayɛ nyinaa kyerɛɛ wɔn.


Na wɔfirii hɔ faa nsuo ani baa Antiokia, faako a wɔde wɔn hyɛɛ Onyankopɔn adom nsa maa adwuma a wɔakɔwie no.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo.


Na amonom hɔ ara na nnipa baasa a wɔsomaa wɔn firi Kaesarea baa me nkyɛn no gyina efie a mewɔ mu no ano.


Na adeɛ kyeeɛ no, wɔduruu Kaesarea; na Kornelio afrɛfrɛ n’abusuafoɔ ne ne nnamfo a wɔbɛn no ahyia retwɛn.


Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuo a wɔfrɛ no Italia deɛ no mu ɔha so panin.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios