Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 18:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na ɔkraa wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane maba mo nkyɛn bio. Na ɔfirii Efeso sii nsuo ani.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na ɔkraa wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane maba mo nkyɛn bio. Na ɔfirii Efeso sii nsuo ani.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Mmom, ɔrebefi hɔ no ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ Onyankopɔn pɛ a mɛsan aba bio.” Na ofii hɔ kɔɔ Efeso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Mmom, ɔrebɛfiri hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane aba bio.” Na afei, ɔfirii hɔ kɔɔ Efeso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na ɔkraa wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsan maba mo nkyɛn bio. Na ofii Efeso sii nsu ani.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 18:21
28 Referencias Cruzadas  

Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛdeɛ mepɛ, na sɛdeɛ wopɛ.


Na ɔmaa wɔkɔeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ so mpaebɔ.


Na ɔfoforɔ nso kaa sɛ: Awurade, mɛdi w’akyi, na ma me kwan na menkɔkra wɔn a wɔwɔ me fie ansa.


sɛ monyi mo ho mfiri nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne adwamammɔ mu; ɛno na sɛ moyi mo ho firi ho a, ɛyɛ. Ɛnsi mo yie!


Na wɔbaa Efeso, na ɔgyaa wɔn hɔ; na ɔno ara deɛ, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ kɔyɛɛ nhwehwɛmu dendeenden.


Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛre kakra no, wampene.


Na Yudani bi a ne din de Apolo, a wɔwoo no Aleksandria, onipa a n’ano ateɛ na ɔyɛ nam wɔ twerɛsɛm no mu, baa Efeso.


Na ɛbaa sɛ berɛ a Apolo wɔ Korinto no, Paulo kyinii amantifi asase so, na ɔbɛduruu Efeso; na ɔbɛtoo asuafoɔ bi no,


Na Yudafoɔ ne Helafoɔ a wɔte Efeso nyinaa teeɛ no, ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Awurade Yesu din ayɛ kɛse.


Na wɔwiee yeinom no, Paulo bɔɔ ne tiri mu sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ɔse: Meduru hɔ a, akyire yi ɛtwa sɛ mekɔhunu Roma nso.


Na Paulo aka sɛ ɔbɛsiane Efeso ho, na wankɔkyɛre Asia; ɛfiri sɛ na ɔrepɛ ntɛm, na sɛ ɔbɛtumi a, wakɔduru Yerusalem Pentekoste da.


Na ɔmpene so mma yɛn no, yɛgyaee kaa sɛ: Deɛ Awurade pɛ nyɛ hɔ.


Nso wɔhunuu ɔne Efesoni Trofimo wɔ kuro mu hɔ kane, enti wɔdwenee sɛ gyama Paulo de no akɔ asɔrefie hɔ.


na mesrɛ daa sɛ ebia Onyankopɔn pɛ a, da bi ɔnnya me kwan pa, na memmra mo nkyɛn.


na menam Nyankopɔn pɛ so maba mo nkyɛn anigyeɛ mu, na me ne mo abɛdwodwo yɛn ho.


Ɔko a mene mmoa koo no Efeso no, mekoo no nnipam a, anka ɛyɛ me mfasoɔ bɛn? Sɛ awufoɔ nnyane a, ɛnneɛ momma yɛnnidi, na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu!


Na mempɛ sɛ meretwa mu nko ara na mehunu mo, na m’ani da so sɛ Awurade ma ho kwan a, mɛdi mo nkyɛn nna kakra.


Na mɛtena Efeso akɔsi Pentekoste;


Nso sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ na maba mo nkyɛn, na mabɛhunu wɔn a wɔrehoahoa wɔn ho no tumi, na ɛnyɛ wɔn nsɛm a.


Afei awieeɛ, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, monnya adwene korɔ, montena asomdwoeɛ mu, na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Nyankopɔn bɛdi mo akyi.


Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so bɛyɛɛ Kristo Yesu somafoɔ, de kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifoɔ:


Hwɛ bosome Abib na di Twam ma AWURADE wo Nyankopɔn, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na AWURADE wo Nyankopɔn yii wo firii Misraim anadwo.


Yei na sɛ Onyankopɔn ma ho kwan a, yɛbɛyɛ.


Na mmom anka ɛsɛ sɛ moka sɛ: Sɛ Awurade pɛ na yɛnya nkwa a, yɛbɛyɛ yei anaa yei.


Na sɛ ɔpɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ mohunu amane sɛ papayɛfoɔ a, ɛyɛ kyɛne sɛ mohunu sɛ bɔneyɛfoɔ.


sɛ: Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Efeso asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura nsoromma nson ne nifa mu, deɛ ɔnam sika nkaneadua nson no mfimfini no seɛ:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios