Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 17:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Ɛfiri sɛ meretwa mu na mehwɛɛ nnoɔma a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi nso a wɔatwerɛ so sɛ: Onyame a wɔnni no dea. Enti deɛ monnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Ɛfiri sɛ meretwa mu na mehwɛɛ nnoɔma a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi nso a wɔatwerɛ so sɛ: Onyame a wɔnni no dea. Enti deɛ monnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Efisɛ mituu mpase faa mo kurow yi mu, na mihuu mmeae ahorow a mosom no, mihuu afɔremuka bi a wɔakyerɛw ho se, Onyame a wonnim no no de. Enti ade a munnim na mosɔre no, ɛno ho asɛm na mereka akyerɛ mo yi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Ɛfiri sɛ, metuu mpase faa mo kuro yi mu, na mehunuu mmeaeɛ ahodoɔ a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi a wɔatwerɛ ho sɛ, Onyame a wɔnnim no no de. Enti, adeɛ a monnim na mosɔre no no, ɛno ho asɛm na mereka akyerɛ mo yi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Efisɛ meretwam na mehwɛɛ nneɛma a mosom no, mihuu afɔremuka bi nso a wɔakyerɛw so sɛ: Onyame a wonnim no dea. Enti nea munnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 17:23
19 Referencias Cruzadas  

Ɔnyɛɛ ɔman biara saa da, na n’atemmudeɛ no, wɔnnim. Monyi AWURADE ayɛ!


Woayɛ yeinom, na mayɛ komm nti, wosusu sɛ mete sɛ wo ara, mɛka w’anim na mede mataataa w’anim.


M’akoa Yakob ne Israel a mayi no nti na mede wo din mefrɛɛ woɔ, na mebɔɔ wo abodin no, nso wonnya nhunuu me.


Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.


Agya Tenenee, wiase anhu wo, na me deɛ, mahu wo, na yeinom ahunu sɛ wo na wosomaa me;


Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no.


Mosɔre deɛ monnim; yɛn deɛ, yɛsɔre deɛ yɛnim, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ no firi Yudafoɔ mu.


Yesu buaa sɛ: Sɛ mehyɛ me ho animuonyam a, m’animuonyam no nyɛ hwee: Ɛyɛ m’Agya a moka sɛ ɔne mo Nyankopɔn no na ɔhyɛ me animuonyam.


Ne saa nti Onyankopɔn abu n’ani agu mmerɛ ahodoɔ a wɔnnim no so, na afei deɛ, ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakyera wɔn adwene,


Na sɛdeɛ wɔammu sɛ wɔbɛkura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ deɛ ɛmfata,


Na wiase amfa nyansa so anhunu Onyankopɔn wɔ Nyankopɔn nyansa mu nti, ɛsɔɔ Nyankopɔn ani sɛ ɔnam asɛnka no nkwaseasɛm so bɛgye wɔn a wɔgye die no nkwa.


Na sɛ nso ɔsoro oo, asase so oo, nnoɔma a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ, sɛ anyame bebree ne awurade bebree wɔ hɔ no a,


monkae sɛ da bi no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafoɔ a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔhoɔ wɔ bɔhyɛ apam ahodoɔ no ho, na monni anidasoɔ biara, na monni Onyankopɔn bi wɔ wiase.


Deɛ ɔsɔre na ɔma ne ho so tia deɛ wɔfrɛ no Onyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Nyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔno ne Onyankopɔn.


Nanso mmerɛ santen hene, Onyankopɔn koro a ɔte ase daa a wɔnhu no no, anidie ne animuonyam nka no, mmerɛ santen mfesanten. Amen!


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios