Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Asomafo 16:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Na ɔde wɔn baa ne fie too wɔn pono, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adie nti, ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

34 Na ɔde wɔn baa ne fie too wɔn pono, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adie nti, ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Afiase sohwɛfo yi de Paulo ne Silas kɔɔ fie kɔmaa wɔn aduan dii na ɔne ne fifo nyinaa ho san wɔn, efisɛ afei de, wɔagye Onyankopɔn adi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Afiase sohwɛfoɔ yi de Paulo ne Silas kɔɔ efie kɔmaa wɔn aduane diiɛ na ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn, ɛfiri sɛ, afei de, wɔagye Onyankopɔn adi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

34 Na ɔde wɔn baa ne fi, tow wɔn pon, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adi nti, ɔne ne fifo nyinaa ho san wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Asomafo 16:34
26 Referencias Cruzadas  

Na anigyeɛ na mode bɛfiri akorɔ, na wɔde asomdwoeɛ agya mo kwan. Mo nti mmepɔ ne nkokoɔ bɛto anigyeɛ dwom prɛko pɛ, na wiram nnua nyinaa abobɔ wɔn nsam.


AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.


Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gyeɛ na yɛn bo tɔ yɛn yam, ɛfiri sɛ wo nua yi wui, na wanyane; ɔyerae, na wɔahu no.


Na ɔyɛɛ ntɛm sii fam, na ɔde anigyeɛ bɛgyee no.


Na Lewi too no pono kɛseɛ bi wɔ ne fie; na atogyefoɔ ne nnipa foforɔ pii ne wɔn bɛtenaa hɔ.


Ɔno na ɔbɛka nsɛm a wo ne wo fie nyinaa nam so bɛnya nkwagyeɛ akyerɛ woɔ.


Na wɔbɔɔ ɔno ne ne fiefoɔ asu no, ɔsrɛɛ sɛ: Sɛ moabu me sɛ megye Awurade medi nokorɛ mu a, mommra mmɛtena me fie; na ɔsrɛɛ yɛn ara maa yɛn ne no kɔe.


Na adeɛ kyeeɛ no, asafohene no somaa asraafoɔ baa sɛ: Gyaa nnipa no na wɔnkɔ.


Na daa wɔde akoma korɔ hyiaa mu wɔ asɔrefie, na wɔbubuu paanoo afie mu de ahosan ne akoma kronn dii wɔn aduane,


Na wɔfiri nsuo no mu reba no, Awurade honhom hwimm Filipo, na opiani no anhu no bio; na ɔde anigyeɛ kɔɔ ne kwan.


Na anidasoɔ Nyankopɔn mfa gyidie mu anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidasoɔ mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu.


Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, ɛsiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seesei anya mpata yi.


ɔno nso so na yɛnam de gyidie anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Nyankopɔn animuonyam ho anidasoɔ mu.


Na honhom aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɛ, gyidie,


Ɛnyɛ sɛ merehwehwɛ akyɛdeɛ, na mmom merehwehwɛ aba a ɛma mo nkonta dɔɔso.


Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!


Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ bebree, sɛ woama ahotefoɔ akoma atɔ wɔn yam.


Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkyerɛma nnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛɛ ne nokorɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios